Jump to content

Nsaa

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
RashA diffuse rash on the back of a human

Nsaa yɛ wedeɛ no ani nsesaeɛ a ɛsesa wedeɛ no ahosuo,sɛdeɛ wedeɛ no ani teɛ, anaa sɛdeɛ wedeɛ no motoo teɛ.Yɛbɛtumi ahunu nsaa wɔ baabi faako anaa sɛ wedeɛ no ani nyinaa.Nsaa bɛtumi ama wedeɛ no ahosuo asesa,ɛde ahoɔhene ba,wedeɛ no bɛyɛ hye kakra, afei wedeɛ no ani bɛyɛ wisiwisi, ɛbɛtwintwam,nsisiiɛ bɛba wedeɛ no ani anaa sɛ nsuo bi bɛba wedeɛ no ani,ma nsaa no atrɛ, na ɛyɛ ya pa ara nso.Deɛ ɛde nsaa ba, ne ɔkwan a wɔfa so sɔ ano no nyɛ pɛ. Ɛwɔ sɛ ɛho hwɛ no, hwɛ sɛdeɛ nsaa no teɛ, ɛho mpopoeɛ binom, nneɛma bi a yɛde rema deɛ nsaa wɔ ne ho no, adwumasɛm, ne abusua mu nso.Nsaa ho hwɛ no bɛtumi ama wahunu nneɛma binom.Nsaa hia sɛ wɔsɔ ano;nyarewa binom na ɛde nsaa ho ahyɛnsoɔ ne mpopoeɛ ba.Sɛ ebia, yareɛ measles ho nsaa yɛ erythematous, morbilliform,ne maculopapular nsaa a ɛhyɛ aseɛ nna kakra ansa na ahoɔhyeɛ ahyɛ aseɛ.Ɛhyɛ aseɛ firi wo ti, na atrɛ aba fam.

Tebea Ahodoɔ[sesa]

Wedeɛ no ani yareɛ Mpopoeɛ Beaeɛ a ɛtaa yɛ wɔ nipadua no mu
Acne vulgaris Wobɛhunu mpopoeɛ bi te sɛ comedones, papules, pustules ne nodules. W’anim,wo koko so ne w’akyi.
Acne rosacea Honam no ani bɛpepa anaa sɛ ɛbɛyɛ kɔɔ. Afono so,moma so anaa wo hwene so.
Boil Pɔmpɔ kɔkɔɔ a ɛyɛ ya anaa sɛ pɔmpɔ kɔkɔɔ a ɛyɛ ya na ɛdɔɔso. Baabiara
Cellulitis Wedeɛ no bɛyɛ kɔkɔɔ,denden na asan nso ahono. Ɛfa baabi a ɛhɔ atwa,atwitwi anaa sɛ wedeɛ a apɔ.
Insect bite Wedeɛ no ani bɛyɛ kɔɔ anaa sɛ pɔmpɔ a ɛyɛ hene Baabiara na ɛbɛtumi nso atrɛ afa baabiara a ɔpɛ.
Erythema migrans / Lyme disease Ɛtumi di boro nna dodoɔ bi anaa sɛ nnawɔtwe de kɔ anamɔn nnum de kɔsi aduɔson(5-70cm),a ɛtwa ne ho anaa sɛ ɛyɛ kurukuruwa,ɛbɛyɛ kɔɔ, na ɛbɛtumi nso ayɛ tumm,a ɛbɛtumi nso ayɛ sɛdeɛ ɛrepepa no, wo ho bɛyɛ wo hye, na ɛnyɛ wo ya anaa ɛnyɛ wo hene [1][2] Mmɔtoam,akyi brɛboɔ,kotodwe akyi, wo Koko anaa w’akyi,deɛ wɔde ntadeɛ gu so anaa wɔ mmɔfra tiri nwi mu,wɔasumu anaa kɔn ho [3][4]
Allergic reaction Kuro binom a ɛbɛba wo wedeɛ no ani berɛ a wanom nnuro anaa sɛ wadi nnuane bi Baabiara
Hidradenitis Suppurativa Tebea bi a wɔfrɛ no apocrine gland overstimulation, a nneɛma binom a ɛwɔ wo mu ne deɛ ɛwɔ abɔnten de ba. ɛbi te sɛ brɛ, nneɛma binom a ɛnyɛ mma nipadua no a ɛwɔ yɛn asetena mu ne nipadua no mu nneɛma bi Hwɛ Hidradenitis.
Hives Mpɔmpɔ hyɛ aseɛ sisi wo Baabiara nanso wobɛdi kan ahunu no w’anim
Seborrheic dermatitis Mpɔmpɔ ne ahonhono Ɛbɛn ntini a ɛwɔ nipadua no mu
Cradle cap Wedeɛ no ani bɛho anaa sɛ ɛbɛyɛ wisiwisi Mmɔfra a yɛawo wɔn foforɔ anim de ba wɔn kɔn akyi
Irritant contact dermatitis Nsaa a ɛyɛ kɔɔ,ɛyɛ hene, ɛyɛ wisiwisi anaa sɛ ɛfɔ. Anintɔnwi,hwene, scalp no ano, wode asumdeɛ, hwamhwam adeɛ anaa ataadeɛ bɛyɛ wo ho
Allergic Contact Dermatitiscaused by poison ivy, poison oak, sumac, or Balsam of Peru Nsaa a ɛyɛ kɔɔ, ɛyɛ hene,ɛyɛ wisiwisi anaa ɛfɔ;ɛbɛtumi nso ayɛ nisuo. Baabiara a ɛne adeɛ a nipadua no mpɛ kɔhyiaeɛ, sɛ ɛne no kɔhyiaeɛ ankasa anaa sɛ ɛfiri baabi(sɛ ebia atadeɛ a asɛe)
Allergic purpura Nsisiiɛ a ɛyɛ kɔkɔɔ nketenkete sisi wedeɛ no ani anaa sɛ nsisiiɛ a ɛsoso na ɛsisi wedeɛ no ani berɛ a woanom nnuro no. Baabiara
Pityriasis Rosea Ɛhyɛ aseɛ bɛyɛ nsisiiɛ baako, ɛyɛ kɔɔ na ɛyɛ wo hene kakra, na ɛdi nna kakra bi a nsaa no bɛyɛ kɛse, ɛbi yɛ kɔɔ na ɛbi nso sesa Wo koko so ne ayaaseɛ
Dermatitis herpetiformis Ahoɔhene a ano yɛ den ne mpɔmpɔ a ayɛ kɔɔ ne nsuo a ɛfiri wedeɛ no ani. Abatwɛ,kotodwe,wakyi anaa wo to
Erythema nodosum Mpɔmpɔ a ɛsoso na ayɛ kɔɔ na ɛsan nso yɛ den sɛ wode wo nsa bɛka Baabiara
Psoriasis Nsaa a ayɛ fitaa,wisiwisi na wedeɛ no atwintwam. Abatwɛ ne kotodwe
Erythema multiforme Ɛyɛ kɔkɔɔ,nsaa a ano yɛ den a ɛyɛ te sɛ nsaa a ɛtwa ne ho no anaa ɛyɛ kuro Baabiara
Measles Nsaa a ɛyɛ kɔɔ a ɛde ahoɔhyeɛ ba anaa menemu kuro. Ɛtaa hyɛ aseɛ firi wo moma so ne wanim na atrɛ aba fam.
Chickenpox Nsaa ahodoɔ a ɛde ahoɔhyeɛ ba,ɛwa,ahoɔhene,brɛ ne menemu kuro Ɛtaa hyɛ aseɛ firi wanim, wo koko so ne wakyi na atrɛ aba fam.
Shingles Nsaa a ɛyɛ kɔɔ na ɛyɛ ya na ɛtumi mpo ho yɛ dendenden Baabiara
Fifth Disease Ɛhyɛ aseɛ te sɛ ahoɔhyeɛ no na afei abɛyɛ nsaa Afono
Warts Mpɔmpɔ a ɛyɛ merɛ na ɛnyɛ hene nso na wonhunu ɛho mpopoeɛ biara Baabiara
Ringworm Nsaa a ɛyɛ kɔɔ na ɛyɛ hene nso Baabiara
Syphilis Nsaa a ɛyɛ kɔɔ nanso ɛnyɛ hene Wo nsa yam anaa wo nantini
Jock itch, yeast infectionor diaper rash Nsaa a ayɛ kɔɔ na ɛyɛ hene nso Ayaaseɛ de reba srɛ no
Tinea versicolor Ahosuo a ɛyɛ hann kakra Baabiara
Impetigo Ɛyɛ den, kuro a n’ahosuo no yɛ “tan” Ɛbɛn wo hwene anaa wano
Scabies Kuro a ayɛ sɛdeɛ wɔaka no a ɛyɛ hene na ɛtrɛ ntɛm nso Ɛtaa hyɛ aseɛ firi wo nsa anaa nantini na atrɛ afa baabiara
Rocky Mountain spotted fever Nsaa a ɛne ahoɔhyeɛ ne tipae nam Ɛtaa hyɛ aseɛ firi wabasa ne wo nan a wo nsa ne wo nantini ka ho
Lupus erythematosus Nsaa a ɛma w’apɔso yɛ wo ya Moma ne Afono
Jaundice or sign of hepatitis Akokɔsradeɛ Wedeɛ,wani kosua fitaa no so ne wano
Bruise Bunu anaa tuntum berɛ a wɔabɔ beaeɛ no Baabiara
Actinic keratoses Nsisiiɛ Wanim,wakyi anaa wo nsam
Keloid or hypertrophic scar Kuro a ayɛ kɛse kyɛn sɛdeɛ Ɛwɔ sɛ ɛyɛ Baabiara
Lipoma Ɛyɛ merɛ anaa ɛtrɛ Baabiara
Milia Nsisiiɛ fitaa a ɛdɔɔso Akwadaa mono anim
Molluscum or contagiosum Ɛyɛ nketewa, ɛgyina deɛ ɛwɔ no, mpɔmpɔ a ɛyɛ kurukuruwa na tokuro deda mu na ɛsi faako a ɛyɛ teaa Baabiara
Scarlet fever Ɛyɛ nteantea wɔ wedeɛ no mu, wo kɔn ne mmɔtoam(pastias lines) Wanim,wo koko so ne wakyi,nipadua no nyinaa,mmɔtoam,wabatwɛ mu, wanim de reba wo kɔn akyi
Sebaceous cyst Mpɔmpɔ fitaa a ɛsi wedeɛ no ase Wakyi, wo kɔn anaa wakyi soro
Skin tag Ɛyɛ merɛ,ɛtrɛ kama,mpɔmpɔ Wanim,wo kɔn, mmɔtoam anaa wanim de reba wo kɔn akyi
Xanthelasma Akokɔsradeɛ wɔ wedeɛ no ase Wani ase
Melanoma Mpɔmpɔ tuntum a ɛhyɛ aseɛ firi wedeɛ no mu, anaa sɛ nsisiiɛ a n’ahosuo, ne kɛseɛ sesa anaa sɛ ɛyɛ ya anaa ɛyɛ hene Baabiara
Basal cell carcinoma Ɛyɛ mono, ɛtrɛ ntɛm Baabi a awia bɔ no
Squamous cell carcinoma Nsaa a ɛyɛ kɔɔ na ɛtrɛ ntɛmtɛm,anaa ɛyɛ den Wanim,wano anaa afono
Kaposi's sarcoma Nsisiiɛ tuntum a ɛsisi wedeɛ no ani na ɛkɔso ara nyini anaa sɛ ɛba ntɛm Baabiara
Erythema annulare centrifugum(EAC) Ahyɛnsoɔ a ayɛ te sɛ kɔkɔɔ no Baabiara

Deɛ Ɛde Ba[sesa]

Deɛ ɛde nsaa ba pa ara na ɛdididso yi;[sesa]

  • Nipadua no nneyɛeɛ bi a ɔyɛ berɛ a wadidi awie no(food allergy)
  • Nnuronom nsunsuansoɔ nso tumi de nsaa ba [5][6]
  • Ayamhyehyeɛ
  • Nneyɛeɛ a adidie de ba, nnuro a wɔde yɛ ahosuo, nnuro, nwemmoa, dadeɛ bi te sɛ zinc anaa nickel: saa nsaa weinom nyinaa no wɔfrɛ no hives.
  • Sɛ wedeɛ no ne nneɛma binom a ɛnpɛ bɛhyia
  • Sɛ awia bɛbɔ wo pa ara anaa sɛ ɔhyew
  • Tebea a ɛntumi mma wedeɛ no ɛnyɛ deɛ ɔpɛ
  • Babasokraman
  • Sɛ wonni wo ho ni nso tumi de nsaa ba.

Deɛ ɛtumi de nsaa ba nanso wo ntaa nhunu[sesa]

  • Awuduro
  • Nyinsɛn
  • Sɛ wobɛtiti faako a ɛyɛ wo ya no pii

Nsɔano[sesa]

Nsaa ho ayarehwɛ no sesa, ɛfiri sɛ ɛgyina nsaa korɔ a ayɛ onipa no so. Nsaa a ɛho ayarehwɛ nyɛ den no, wɔtumi de nsaa aduro a ɛte sɛ nku no sɔ ano(ɛbi te sɛ hydrocortisone).Nnuro no beberee wɔ dwa so wɔ Aburokyiman mu(US).[8] Ɔhaw a ɛwɔ nsaa aduro a ɛte sɛ nku no ho, ɛbi te sɛ hydrocortisone no ne sɛ;ɛntumi nwura wedeɛ no mu na ne saa nti ɛntumi nyɛ adwuma yie ɛnpepa nsaa no mfiri faako a ɛwɔ no.Wei ma wɔkasɛ hydrocortisone ntumi nyɛ adwuma koraa wɔ nsaa ahodoɔ nyinaa mu gye sɛ nsaa a ɛho ayarehwɛ nyɛ den no.[9]

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

[1][2][3]

  1. Archive copy, archived from the original on 2018-01-14, retrieved 2024-06-21{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link) CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  2. William F. Wright, David J. Riedel, Rohit Talwani, Bruce L. Gilliam (2012-06-01), "Diagnosis and management of Lyme disease", American Family Physician, vol. 85, no. 11, pp. 1086–1093, ISSN 1532-0650, PMID 22962880, retrieved 2024-06-21{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  3. Eugene D. Shapiro (2014-05-01), "Clinical practice. Lyme disease", The New England Journal of Medicine, vol. 370, no. 18, pp. 1724–1731, doi:10.1056/NEJMcp1314325, ISSN 1533-4406, PMC 4487875, PMID 24785207, retrieved 2024-06-21