Jump to content

Norethisterone

Ɛfi Wikipedia

Norethisterone, a wɔsan frɛ no norethindrone na wɔtɔn no wɔ din ahodoɔ pii so, yɛ progestin aduro a wɔde di dwuma wɔ awoɔ mu, menopausal hormone therapy, ne gynecological disorders ho ayaresa mu. Aduro no wɔ hɔ wɔ nnuro a wɔde di dwuma nketenkete ne nea wɔde di dwuma kɛse nyinaa mu, ne nea wɔde di dwuma baako ne nea wɔde di estrogen dwuma nyinaa mu. Ɛyɛ aduro a wɔnom na wɔtumi de norethisterone enanthate fa paneɛ so wɔ ntini mu.

Dwuma a wɔde di

[sesa]

Wɔde norethisterone di dwuma sɛ hormonal contraceptive wɔ estrogen a wɔtaa frɛ no ethinylestradiol (EE) mu. Wɔde afra oral contraceptive pills a wɔnom no mu, na ɛdi dwuma sɛ progestogen nkorabata no baako yɛnya wɔ pills nko ara mu.Dwuma foforɔ a wɔde norethisterone di wɔ ayaresa mu ne sɛ ɛboa ma ɛyaw a endometriosis de ba no ano brɛ ase. Nokwasɛm ne sɛ, ayarefoɔ a wɔde nnuro anaa oprehyɛn sa wɔn yareɛ a ɛne endometriosis bɔ abɔn mu no mu ɔha mu nkyem 50 anya progestin ho mfasoɔ. Ɛbetumi aba sɛ deɛ enti a ɛte saa ne sɛ, norethisterone ma endometrial no trɛw wɔ berɛ a wɔde ma no mu na wɔada no adi sɛ ɛma endometrial yaw ano brɛ ase. Ɔkwan foforɔ a norethisterone bɛtumi afa so ama endometrial yaw so atew ne sɛ, ɛremma kwan mma awoɔ ntoa so.

Nsunsuansoɔ

[sesa]

Berɛ a wɔde nyinsɛn ano aduro ne deɛ wɔde si hormone ananmu di dwuma (0. 35 kosi 1 mg/ da) no, nea norethisterone yɛ ara ne sɛ ɛsɛe progestogenic nkwammoaa no. Wɔ nnuro a wɔde norethisterone di dwuma de si nyinsɛn ano anaa wɔde siesie nyinsɛn mu no ho nhwehwɛmu pii mu no, wɔde aduro no ne estrogen afra. Yei nti ɛyɛ den sɛ wɔbɛhu sɛ rethisterone na ɛde nsunsuansoɔ bɔne no baeɛ ne nea estrogen na ɛde bae wɔ nhwehwɛmu a ɛte saa mu.