Noguchi Memorial Institute for Medical Research

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Nhwɛsoɔ:Infobox instituteNoguchi Memorial Institute for Medical Research (NMIMR) yɛ aduroyɛ nhwehwɛmubea a ɛwɔ University of Ghana beaɛ hɔ wɔ Accra, wɔ Ghana. Wɔde sika a Japan aban de boaaɛ na ɛtee no 1979. Wɔn na wɔyɛ Covid-19 amansan yadeɛ yi nhwehwɛmu a wɔkyerɛ wɔn a yareboa no bi wɔ wɔn mogya mu.

Abakɔsɛm[sesa]

Noguchi Memorial Institute for Medical Research yɛ nhwehwɛmubea a ɔde wɔn ho kakra a ɛwɔ University of Ghana wɔ kuropɔn Accra. Ɛyɛ nipaduamu nhwehwɛmubea kɛseɛ a ɛwɔ ɔman yi mu.

Wɔn a wɔhyɛɛ nhwehwɛmubea yi ase yɛ kane bi University of Ghana School of Medicine ɔdaanoni Prof. E. O. Easmon ne Prof Kenji Honda a na ɔwɔ Fukushima School of Medicine a ɛwɔ Japan nkabomdwuma nti no na ɛyɛ Japan International Cooperation Agency (JICA) mmoa. Japan aban na ɛsii dan no de kyɛɛ Ghana aban ne ne manfoɔ, de hyɛɛ Japan nhwehɛmunin Hideyo Noguchi a na ɔreyɛ ebunu (yellow fever) nhwehwɛmu wɔ Ghana, na ɔfaa yadeɛ no so wuuɛ 1928 mu no nkaedeɛ.

Nkekahoɔ[sesa]