Nkramosom dan

Ɛfi Wikipedia

Nkramosom dan (/mɒsk/; a ɛfiri Arabic: مَسْجِد, romanized: masjid, bɔ no mǝsdʒid]; a ɛkyerɛ " beaɛ a yɛgyina de y'anim buutu hɔ bɔ mpaeɛ") a wɔsane frɛ no masjid, baabi a nkramofoɔ bɔ mpaeɛ.[1]Mpempii no nkramodan yɛ dan bi a ɛso akata, nanso ɛbɛtumi ayɛ baabiara a wɔbɔ mpaeɛ (sujud), a yɛn nanaso ka ho.[2]Nkramosom dan wɔ agudeɛ a wɔfrɛ no (mihrab) a ɛwɔ afasuo ho a ɛkyerɛ baabi a me fa wɔ(qiblah),[1] baabi a dan a wɔboro wɔn ho ne minarets a ɛkae nnipa sɛ wɔmmɔ mpaeɛ wɔ.[1][3] (minbar) a wɔka Efiada (jumu'ah) asɛmpa (khutba), no na ɛyɛ Central City kramodan bi a ɛwɔ hɔ nanso ɛnyɛ adeɛ a ɛho yɛ na nkramosom dan nketewa mu.[4][1] Nkramodan pii no ara wɔ baabi a mmaa tena ne baabi a mmarima nso tena.[1] Ɛkwan a ɛyɛ a wɔtaa hyehyɛ wɔn ho no gu ahodoɔ pii a ɛgyina mantam,som korɔ ne berɛ korɔ.[5] Nkramosom dan yɛ beaɛ a wɔde bɔ mpaeɛ, Ramadan, ayiyɔ, awareɛ ne nnwumakuo nhyiamu,kyɛ sane gye adeɛ ne baabi a wɔda.[1][6] Nkramosom dan yɛ baabi a tete no na ɛyɛ baabi a yɛma nkaebɔ, kɔɔto a wɔdi mmara so, ɛsom sukuu. Ɛnɛ mmerɛ yi, wɔdi wɔn dwumadie sɛ baabi a wɔde yɛ ɛsom ho nnoɔma ne ababaabaeɛ nkoa.[1][6] Wɔde nnoɔma a ɛhohia no kɔ Great mosque of mecca(a ɛwɔ hajj mfimfini), nkɔmhyɛni no Nkramosom dan a ɛwɔ medi a(baabi a wɔsiee Muhammad) ne Al-Aqsa nkramosom dan a ɛwɔ Yerusalem(wɔgyedi sɛ ɛyɛ beaeɛ a Muhammad de firi hɔ kɔɔ ɔsoro aheman mu).[4] Ɛnam sɛ Nkramosom frɛɛ no nti, ɛmaa Nkramosom dan no dɔɔso wɔ Nkramosom man mu. Ɛtɔ mmerɛ bi a wɔdane nsɔre no yɛ no Nkramosom dan,a ɛnyaa nsunsuansoɔ wɔ kwan a wɔfa so nkramofoɔ dan.[6]Ɛnam sɛ Nkramosom dan a wɔsii no tete no wɔn a wɔyɛ adɔeɛ na ɛsiieɛ nti no, Nkramosom dan a aban siiɛ no ankorankorɛ deɛ no abɛ bunkam so, a pii no ara gyina hɔ ma nkramosom nkanyan ne nnoɔma a wɔyɛ no mpɔtam.[6] Nkramosom dan adi amanyɔsɛm dwumadie pii. Nnipa a ɛwɔ nkramosom dan mu no sesa a ɛgyina mantam korɔ a ɔnii no wɔ.

N'abɔseɛ[sesa]

Edin "Nkramosom dan" firi French din mosquée na ɛbɛtwitwa borɔfo kasa mu, a ɛfiri Italian moschea( Italian moscheta), a ɛfiri Middle Armenian մզկիթ (mzkit‘), Medieval Greek: μασγίδιον (masgídion), anaasɛ Spanish mezquita, a ɛfiri مسجد (asekyerɛ ne sɛ "baabi a yɛbu yɛn mu bɔ mpaeɛ (wɔ mpaebɔ mu)" ne baabi ba yɛbɔ mpaeɛ), ɛbɛtumi afiri Nabataean masgĕdhā́ anaasɛ Arabic Arabic: سَجَدَ, romanized: sajada (asekyerɛ ne sɛ" bɔ wo mu bɔ mpaeɛ"),a ɛbɛtumi afiri Nabataean Arabic masgĕdhā́ anaasɛ Aramaic sĕghēdh.[7]

Abakɔsɛm[sesa]

Nkramofoɔ animdefoɔ ne abakɔsɛm kyerɛ sɛ, nkramosom firi Arabia wɔ Muhammad pɛn so wɔ 7th century CE, na ɔsii nkramosom dan no.[7] Wɔ saa nsɛm yi mu no, nkramosom dan a wɔsii no wɔ Eritrean kuro a ɛwɔ Massawa, anaasɛ Quba nkramosom dan a ɛwɔ Hejazi kuro wɔ Medina (nkramosom dan a ɛdikan a Muhammad sii berɛ a ɔfiri mecca baeɛ wɔ 622 CE), [8]no mu baako na ɛbɛyɛ nkramosom dan a ɛdikan a wɔsii wɔ nkramosom abakɔsɛm.[9] Animdefoɔ binom nso bɔ nkramosom amammerɛ [10]ne nnoɔma a ɛwɔ Qur'an no mu, [11]a ɔsom a yɛfrɛ no Nkramosom no ma Muhammad dikan ansana wɔde nkɔmhyɛfoɔ bi a ɛdiikan baeɛ bi te sɛ Abraham aka ho.[12] Wɔ nkramosom amammerɛ mu no, Abraham na ɔsii Ka'bag('Cube') wɔ Mecca na ne Al-Masjid Al-Haram(The sacred mosque) a nkramofoɔ hunu no sɛ ɛno nkramosom dan a ɛdikan[13] a na ɛwɔ hɔ.[14] Hadith a ɛwɔ Sahih al-Bukhari ka sɛ kaa a yɛ nkramosom dan a ɛdikan wɔ wiase, a nea ɛtɔ so mmienu ne Al-Aqsa a ɛwɔ Jerusalem,[15] a ɛno nso bɛn Abraham.[16] Ɛfiri 638CE mu no Mecca mu trɛ a ɛtumi fa nkramofoɔ a wɔte hɔ anaasɛ wɔn a wɔkɔ hɔ afe biara wɔ kuro no so.[17] Wɔkwan foforɔ so no, Quba nkramosom dan no akyi no, Muhammad toa so sii nkramosom dan foforɔ wɔ Medina, a wɔfrɛ no Al-Masjid an-Nabawi( nkɔmhyɛni no nkramosom dan). Muhammad de ne ho hyɛɛ adansie no a wɔsii no wɔ beaɛ a ɛbɛn ne fie na ɔboa adansifoɔ kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔpɛsɛ wɔsi nkramosom dan ma no bɛyɛ krabɛhwɛ wɔ kuro no mu.[18] Nkɔmhyɛni no dan no wɔ esu bi a wofa so hunu no wɔ ɛnɛ nkramosom dan mu te sɛ, "mihrab' a ɛwɔ baabi a wɔbɔ mpaeɛ no ne 'minbar' a ɛyɛ baabi a wɔgyina di dwuma.[19] Nkramosom dan no wɔ patom kɛseɛ a ɛwɔ nkramosom dan pii a wɔsii no saa aberɛ no.[20]

Beaeɛ a . menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 1.5 1.6 Archive copy, archived from the original on 2017-12-25, retrieved 2022-07-21{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. Longhurst, Christopher E; Theology of a Mosque: The Sacred Inspiring Form, Function and Design in Islamic Architecture, Lonaard Journal . Mar 2012, Vol. 2 Issue 8, p3-13. 11p. “Since submission to God is the essence of divine worship, the place of worship is intrinsic to Islam’s self-identity. This ‘place’ is not a building per se but what is evidenced by the etymology of the word ‘mosque’ which derives from the Arabic ‘masjid’ meaning ‘a place of sujud (prostration
  3. Nuha N. N. Khoury (2009). "Mosque". In Juan Eduardo Campo (ed.). Encyclopedia of Islam. Infobase Publishing.
  4. 4.0 4.1 Patrick D. Gaffney (2004). "Masjid". In Richard C. Martin (ed.). Encyclopedia of Islam and the Muslim World. MacMillan Reference.
  5. Nuha N. N. Khoury (2009). "Mosque". In Juan Eduardo Campo (ed.). Encyclopedia of Islam. Infobase Publishing.
  6. 6.0 6.1 6.2 6.3 Patrick D. Gaffney (2004). "Masjid". In Richard C. Martin (ed.). Encyclopedia of Islam and the Muslim World. MacMillan Reference
  7. 7.0 7.1 For the word's origin from French and probable origin from Italian moscheta, see "mosque, n.". OED Online. December 2011. Oxford University Press. [1]. For the derivation of moscheta from Arabic sajada see "mesquita, n.". OED Online. December 2011. Oxford University Press. [2]. For the probable origin of "sajada" from Aramaic, and the meanings of sajada and masjid in Arabic, see "masjid, n.". OED Online. December 2011. Oxford University Press. [3]. For the inclusion of Spanish mesquita, possible derivation from Nabataean masgĕdhā́, and the Aramaic sĕghēdh, see Klein, E., A Comprehensive Etymological Dictionary of the English Language (Elsevier Publishing, 1966), p. 1007.
  8. https://en.wikipedia.org/wiki/Mosque#CITEREFTajuddin1998
  9. https://books.google.com/books?id=aMsvDAAAQBAJ
  10. https://archive.org/details/islamguideforjew00fepe/page/9
  11. https://en.wikipedia.org/wiki/Quran
  12. https://books.google.com/books?id=5nRJK9sLjLsC
  13. https://books.google.com/books?id=aMsvDAAAQBAJ
  14. https://en.wikipedia.org/wiki/Mosque#CITEREFKuban1974
  15. https://www.searchtruth.com/book_display.php?book=55&translator=1&start=0&number=585#585
  16. Michigan Consortium for Medieval and Early Modern Studies (1986). Goss, V. P.; Bornstein, C. V. (eds.). The Meeting of Two Worlds: Cultural Exchange Between East and West During the Period of the Crusades. Vol. 21. Medieval Institute Publications, Western Michigan University. p. 208. ISBN 978-0-9187-2058-0.
  17. https://en.wikipedia.org/wiki/Mosque#CITEREFDumperStanley2007
  18. https://en.wikipedia.org/wiki/Mosque#CITEREFChiu2010
  19. https://en.wikipedia.org/wiki/Mosque#CITEREFCosmanJones2008
  20. https://en.wikipedia.org/wiki/Mosque#CITEREFChiu2010