Jump to content

Nkorɔmohwa

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Nkorɔmohwa yɛ mframa mu nnyegyeeɛ a ɛkɔ so wɔ ahome mu berɛ a obi ada. Ɛbɛtumi ayɛ bɔkɔɔ anaa ano yɛ den na ɛnyɛ anika. Sɛ obi rehwa nkorɔmo berɛ a wada a, ɛbɛtumi ayɛ nsɛnkyerɛnne anaa kɔkɔbɔ a edi kan a ɛkyerɛ sɛ wanya obstructive sleep apnea (OSA). Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ nkorɔmohwa yɛ adeɛ baako a ɛmma nkurɔfoɔ ntumi nna.

Dea ɛde ba[sesa]

Nkorɔmohwa yɛ biribi a ɛba berɛ a w'ano ne dada mu bɛtɛɛ no ayɛ mmerɛ.[1] Ntini yie bɛtumi ayɛ mmerɛ ara de akɔsi sɛ ahome kwan no bɛsi, na ɛma mframa a ɛreba ntumi mma tee.[2] Nnoɔma a ɛdidi soɔ yi mu baako anaa deɛ ɛboro saa bɛtumi ama obi ahwa nkorɔmo:

  • Sɛ obi wɔ saa yareɛ yi a, ɔbɛtumi anya afiri n'awofoɔ hɔ wɔn nnoɔma bi te sɛ, nipadua mu kɛseɛ, sigaretnom, ne nsa a nom so.[3]
  • Mene mu mmerɛyɛ a ɛma ne mu to berɛ a wada.[4]
  • Apantan a ahwan nso taa de ba ntini no.[2]
  • Keseɛ a ɛfiri sradeɛ a ada mene mu so[3][4]
  • Hwene mu kwan no si a.[2]
  • obstructive sleep apnea.[2]
  • Nna a obi ntumi nna[2]
  • Nnuru a ɛma apɔ so te, te sɛ nsa anaa nnuru foforɔ a ɛma ne mene mu ntini hodwo.[2][3]
  • Sɛ obi da ne akyi a, ɛbɛtumi ama ne tɛkrɛma akɔ hyɛ n'anom.[2][5]

Nsunsuansoɔ A Ɛbɛtumi Aba[sesa]

Nkorɔmohwa tumi ma wɔn a wɔhwa no ne wɔn a wɔne wɔn wɔ hɔ no nyinaa nnya nna pa, da mu nna, abufuo, aniha ne natenka a ɛmfata.[6] Wɔsan kyerɛ sɛ ɛbɛtumi ama wɔn a wɔyare no anya adwene ne asetena mu haw kɛseɛ.[7] Afe 2008 mu nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ nkorɔmohwa dede a ɛboro so ne akomayareɛ ho asiane (ɛbɛyɛ +34%) ne mmubuiɛ (ɛbɛyɛ +67%).[8] Afe 2021 mu nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ yareɛ a ɛma obi nya mmubuiɛ yareɛ no tumi yɛ kɛseɛ bɛyɛ 46%.[9]

Ɛwom sɛ mpɛn pii no wɔbu no sɛ yareɛ a ɛho nhia pii deɛ, nanso ɛtɔ mmerɛ bi a wɔn a wɔhwa no bɛtumi anya asetena mu haw a emu yɛ den. Nhwehwɛmu a Armstrong ne afoforɔ yɛeɛ wɔ nnipa baanu bi ho no daa no adi sɛ sɛ wɔyɛ oprehyɛn de siesie aso a wɔhaw wɔn no a, ɛma awarefoɔ no ntam yɛ yie. Wei na Gall et al.,[10] Cartwright ne Knight[11] ne Fitzpatrick et al.[12]

Ayaresa[sesa]

Wɔde nnuru afoforɔ pii nso di dwuma deboa ma nkorɔmohwa gyae. yie mu bi ne nnoɔma a wɔde di dwuma a wɔmmɔ ho dawuro te sɛ nnuru a wɔde gu hwene mu, nnuru a wɔde hyɛ hwene mu anaa deɛ wɔde hyehyɛ hwene mu, deɛ wɔde srasra hwene mu, mfidie a wɔde hyɛ wɔn anum ne mpaboa ne nkotokuo a "nkorɔmohwa aduru" ho ban, ne nnoɔma a ɛyɛ nwanwa te sɛ didgeridoo a wɔbɔ.[13] Nnuru a wɔtɔn wɔ baabi a wɔmmɔ ho dawuru, te sɛ nnuru a ɛma nkorɔmohwa gyae. Wei bi ne nnuru bi a wɔde hyɛ nsa anaa wɔde hyɛ ntini mu.Yei mu nyinaa nni nyansahunu mu adanseɛ biara a ɛkyerɛ sɛ dea wɔreka no yɛ nokware.

Tɛkrɛma apɔ mu tenetene[sesa]

Tɛkrɛma ho ayaresa, a ɛfa ano ne tɛkrɛma ho dwumadie ahodoɔ ho no tumi ma mpanimfoɔ a wɔanyinyin no nkorɔmohwa no so te wɔ nsɛm a wɔbisabisa wɔn ne nna ho nhwehwɛmu a wɔyɛ no mu. Wɔtee nkorɔmohwa no so ɔha mu nkyem 51%.[14]

Sumiiɛ akɛseɛ[sesa]

Sumii akeseɛ yɛ ɔkwan a ɛmma obi nhwa nkorɔmo kɛseɛ. Wɔayɛ sumiiɛ yi sɛ ɛmoa ti ne kɔn sɛdea ɛbɛyɛ a apantan no bɛda hɔ na akɔ anim kakra. Yie boa ma ahome akwan no mu da hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ yie, na ɛno nso ma nkorɔmohwa so te kakra.

Ɛse nnwinnadeɛ ahodoɔ[sesa]

One style of mandibular advancement splint

Ɛse nnwinnadeɛ soronko a wɔfrɛ no mandibular advancement splints, a ɛma ɔfasu a ɛwɔ ase no kɔ akyiri kakra na ɛma tɛkrɛma no kɔ anim no yɛ ɔkwan a wɔtaa fa so sa ahorɔw. Wɔada no adi sɛ saa mfiri yi tumi tumi tew ntontom ne nna mu apnea so wɔ tebea ahorow a apnea no yɛ mmerɛ anaa emu yɛ den mu.[15] Mandibular advancement splints taa gye tom sene CPAP mfidie ahodoɔ no.[16]

Ɛpidɛmiɔlogyi[sesa]

Akontaabuo a ɛfa nkorɔmohwa ho no taa yɛ akyinnyegyeɛ, nanso sɛ yɛhwɛ nkwakoraa ne mmerewa no mu a, emu bɛyɛ ɔha mu nkyem 30 na ɛhwa nkorɔmo, na ebia nnipa a wɔwɔ aman bi mu no, emu bɛyɛ ɔha mu nkyem 50 na ɛhwa nkorɔmo.[17] Nhwehwɛmu bi a wɔyɛeɛ wɔ Amerikafoɔ 5,713 so no daa no adi sɛ mmarima 24% ne mmaa 13.8% na wɔtaa hwa nkorɔmo, na ɛkɔɔ so kɔduruu mmarima 60% ne mmaa 40% a wɔadi mfeɛ 60 kɔsi 65 so; yie kyerɛ sɛ sɛ obi nyini a, ɔtaa hwa nkorɔmo.[18]

Beaeɛ A Menyaa Firiiɛ[sesa]

  1. Sudhansu Chokroverty (2008), 100 questions & answers about sleep and sleep disorders, 100 questions & answers, Sudbury, Mass: Jones and Bartlett Publishers, ISBN 978-0-7637-4120-4, OCLC 159919429, retrieved 2024-06-09
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 2.5 2.6 Bhavisha Y. Patel, Gerald W. Volcheck (2015-10), "Food Allergy: Common Causes, Diagnosis, and Treatment", Mayo Clinic Proceedings, vol. 90, no. 10, pp. 1411–1419, doi:10.1016/j.mayocp.2015.07.012, ISSN 0025-6196, retrieved 2024-06-09 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  3. 3.0 3.1 3.2 Adrián I. Campos, Luis M. García-Marín, Enda M. Byrne, Nicholas G. Martin, Gabriel Cuéllar-Partida, Miguel E. Rentería (2020-02-14), "Insights into the aetiology of snoring from observational and genetic investigations in the UK Biobank", Nature Communications (in English), vol. 11, no. 1, doi:10.1038/s41467-020-14625-1, ISSN 2041-1723, retrieved 2024-06-09{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  4. 4.0 4.1 Yazdanpanah F, Anderson R, Catevenis J (2021-09-06), "COVID-19 Moderna Vaccine and Bilateral Pulmonary Embolism: Case Report", Austin Critical Care Case Reports, vol. 5, no. 3, doi:10.26420/austincritcarecaserep/2021.1031, ISSN 2768-5500, retrieved 2024-06-09{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  5. Maria Christina Thomé Pacheco, Camila Ferreira Casagrande, Lícia Pacheco Teixeira, Nathalia Silveira Finck, Maria Teresa Martins de Araújo (2015-08), "Guidelines proposal for clinical recognition of mouth breathing children", Dental Press Journal of Orthodontics, vol. 20, no. 4, pp. 39–44, doi:10.1590/2176-9451.20.4.039-044.oar, ISSN 2177-6709, retrieved 2024-06-09 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  6. Rafael Luboshitzky, Ariel Aviv, Aya Hefetz, Paula Herer, Zila Shen-Orr, Lena Lavie, Peretz Lavie (2002-07), "Decreased Pituitary-Gonadal Secretion in Men with Obstructive Sleep Apnea", The Journal of Clinical Endocrinology & Metabolism (in English), vol. 87, no. 7, pp. 3394–3398, doi:10.1210/jcem.87.7.8663, ISSN 0021-972X, retrieved 2024-06-09 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  7. M. W. J. Armstrong, C. L. Wallace, J. Marais (1999-12), "The effect of surgery upon the quality of life in snoring patients and their partners: a between-subjects case-controlled trial", Clinical Otolaryngology and Allied Sciences (in English), vol. 24, no. 6, pp. 510–522, doi:10.1046/j.1365-2273.1999.00307.x, ISSN 0307-7772, retrieved 2024-06-09 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  8. Andrea Dunai, Andras P. Keszei, Maria S. Kopp, Colin M. Shapiro, Istvan Mucsi, Marta Novak (2008-03), "Cardiovascular Disease and Health-Care Utilization in Snorers: a Population Survey", Sleep (in English), vol. 31, no. 3, pp. 411–416, doi:10.1093/sleep/31.3.411, ISSN 1550-9109, retrieved 2024-06-09 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  9. Jing Bai, Bing He, Nan Wang, Yifei Chen, Junxiang Liu, Haoran Wang, Dongliang Liu (2021-04-01), "Snoring Is Associated With Increased Risk of Stroke: A Cumulative Meta-Analysis", Frontiers in Neurology, vol. 12, doi:10.3389/fneur.2021.574649, ISSN 1664-2295, retrieved 2024-06-09{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  10. R. Gall, L. Isaac, M. Kryger (1993-12), "Quality of Life in Mild Obstructive Sleep Apnea", Sleep (in English), vol. 16, no. suppl_8, pp. S59–S61, doi:10.1093/sleep/16.suppl_8.S59, ISSN 1550-9109, retrieved 2024-06-09 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  11. Rosalind D. Cartwright, Sara Knight (1987-05), "Silent Partners: The Wives of Sleep Apneic Patients", Sleep (in English), vol. 10, no. 3, pp. 244–248, doi:10.1093/sleep/10.3.244, ISSN 0161-8105, retrieved 2024-06-09 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  12. Mf Fitzpatrick, K Martin, E Fossey, Cm Shapiro, Ra Elton, Nj Douglas (1993-04-01), "Snoring, asthma and sleep disturbance in Britain: a community-based survey", European Respiratory Journal (in English), vol. 6, no. 4, pp. 531–535, doi:10.1183/09031936.93.06040531, ISSN 0903-1936, retrieved 2024-06-09{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  13. Milo A Puhan, Alex Suarez, Christian Lo Cascio, Alfred Zahn, Markus Heitz, Otto Braendli (2006-02-04), "Didgeridoo playing as alternative treatment for obstructive sleep apnoea syndrome: randomised controlled trial", BMJ (in English), vol. 332, no. 7536, pp. 266–270, doi:10.1136/bmj.38705.470590.55, ISSN 0959-8138, retrieved 2024-06-09{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  14. Macario Camacho, Christian Guilleminault, Justin M. Wei, Sungjin A. Song, Michael W. Noller, Lauren K. Reckley, Camilo Fernandez-Salvador, Soroush Zaghi (2018-04), "Oropharyngeal and tongue exercises (myofunctional therapy) for snoring: a systematic review and meta-analysis", European Archives of Oto-Rhino-Laryngology (in English), vol. 275, no. 4, pp. 849–855, doi:10.1007/s00405-017-4848-5, ISSN 0937-4477, retrieved 2024-06-09 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  15. Kathe G. Henke, Donald E. Frantz, Samuel T. Kuna (2000-02-01), "An Oral Elastic Mandibular Advancement Device for Obstructive Sleep Apnea", American Journal of Respiratory and Critical Care Medicine (in English), vol. 161, no. 2, pp. 420–425, doi:10.1164/ajrccm.161.2.9903079, ISSN 1073-449X, retrieved 2024-06-09{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  16. James E. Eckhart (1998-08-01), "Comparisons of Oral Devices for Snoring", Journal of the California Dental Association (in English), vol. 26, no. 8, pp. 611–622, doi:10.1080/19424396.1998.12221713, ISSN 1942-4396, retrieved 2024-06-09
  17. "Snoring or Stridor? It Could Be a Lifesaving Distinction", Internal Medicine News, vol. 40, no. 3, p. 26, 2007-02, doi:10.1016/s1097-8690(07)70094-x, ISSN 1097-8690, retrieved 2024-06-09 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  18. E. Lugaresi, F. Cirignotta, G. Coccagna, C. Piana (1980-09), "Some Epidemiological Data on Snoring and Cardiocirculatory Disturbances", Sleep (in English), vol. 3, no. 3–4, pp. 221–224, doi:10.1093/sleep/3.3-4.221, ISSN 0161-8105, retrieved 2024-06-09 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)