Nkatie Cake

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Nhwɛsoɔ:Infobox foodNkatie Cake yɛ Ghana dwokɔmano aduane a wɔfrɛ no Kongodo wɔ Guinea na Louga wɔ Senegal, ɛyɛ mmɔfra ne mpanin aduane. Na mmom sukuufoɔ mmɔfra titire na wɔtaa di esiane asikyire dodoɔ a ɛwɔ mu no nti. Wɔtaa twa nkatie cake no sɛ nsayam anaasɛ kankra su, nanso wobɛtumi atwa no su a wopɛ biara.

Akadeɛ[sesa]

Nnoɔma a ɛhia wɔ saa nkatiɛ cake yɔ yi ho ne:

  • Asikyire konko baako.
  • Nkatiɛ a yɛakye apɔ ho. Wopɛ a na woasi kakra.
  • Nsuo
  • Yamboɔ ana prentoa.

Ne yɔbea[sesa]

Sɛdeɛ wɔyɛ nkatiɛ cake

  • Hwie asikyiresam no gu pantrawa mu fa si gya so bɛyɛ sima num ma ɛnane.
  • Saa berɛ no na woapɔ nkatiɛ a woakye deda no ho asi no kakra.
  • Asikyire no ahosuo dane kɔkɔbrɔ a hwie nkatiɛ no gu mu.
  • Kanum brɛoo na fa nsuo kakra gu mu na amma no ankyene
  • Ɛfra wie a tete gu ɔpono so.
  • Fa 'roller' ana prentoa trɛtrɛmu ma no nyɛ tratraa.
  • Twitwa no sɛdeɛ wopɛ no berɛ a ɛyɛ hye no ara.

NB. Ɛsɛ sɛ ɛmu trɛtrɛ ne ne twitwa no yɛ ntɛm berɛ a ɛyɛ mmrɛ no. Anyɛ saa a ɛbɛkyene ama ne twitwa ayɛ dene.

Nhwɛsodeɛ[sesa]

Nkekahoɔ[sesa]