Jump to content

Nitrofurantoin

Ɛfi Wikipedia

Nitrofurantoin yɛ nnuro a ɛko tia yareɛ mmoawa a ɛwɔ nitrofuran mu a wɔde di ntini mu yareɛ ho dwuma, nanso ɛntumi nsa saawa mu yareɛ. Ɛyɛ aduro a wɔnom. Deɛ ɛtaa firi mu ba no bi ne honamyea, tipaeɛ ne ayamtuo.Ɛtɔ da a, ɛtumi ma ɔyarefoɔ bi honam yɛ no titritii, ahrawa mu nnyarewa ne deɛ ɛkeka ho nso tumi yɛ jso nsunsuansoɔ no mu baako. Obi a wafa afuro bɛtumi anom deɛ na mmom ɛnnyɛ mma ɔbaa a ne mmerɛ aso na ɔrebɛkɔ awoɔ so.

Dwuma a wɔde di

[sesa]

Dwuma titire a wɔde di no bi ne sɛ wɔde sa ntini mu yareɛ a ɛnyɛ den (UTI) ne ntini mu yareɛ ho banbɔ wɔ nnipa a wɔtaa nya ntini mu yareɛ no mu. Nitrofurantoin nyɛ mma yareɛ pyelonephritis ayaresa mu, ne intra-abdominal abscess, esiane sɛ ɛrentumi mfa ntini mu na ɛrentumi mfa mogya no mu mma ayaresa.

Abakɔsɛm

[sesa]

Wɔde aduro Nitrofurantoin hyɛɛ aseɛ dii dwuma wɔ mmɔnten sɛ saawa mu yareɛ ano aduro (UTIs) firii afe 1953 mu.