Jump to content

Nicotiana tabacum

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Nicotiana tabacum
taxon
subclass ofannual plant, poisonous plant Sesa
has usemedicinal plant, tobacco use disorder, stimulant foodstuff Sesa
short nameN. tabacum Sesa
taxon nameNicotiana tabacum Sesa
taxon rankspecies Sesa
parent taxonNicotiana Sesa
abasobɔde a wonyaePoisonous Plant of the Year Sesa
maintained by WikiProjectWikiProject Invasion Biology Sesa
hardiness of plant10 Sesa
taxon rangeBeijing, China, Tibet Autonomous Region, Guangdong Sesa
taxon author citationL. Sesa
GRIN URLhttps://npgsweb.ars-grin.gov/gringlobal/taxonomydetail.aspx?id=25309 Sesa

Nicotiana tabacum anaa cultivated tobacco, yɛ dua bi a ɛso afe afe. Ɛka Nicotiana abusuakuo no ho. Wɔtete n'ahaban no tɔn. Afei, na wɔde ayɛ tobacco. [1]Baabi a awia wɔ na ɛtaa wɔ pa ara. Ɛso mfasoɔ nti, akuafoɔ hyɛ da dua. Ne tenten tumi yɛ mita mmienu de rekɔ mmeɛnsa.[2]

Ne bɔbdrɛ

[sesa]

Ɛyɛ dua a woduaI a ɛde afe pɛpɛɛpɛ nyini. Enyini wie a, ɛyɛ a na ne tenten no yɛ ɛfiri mita baako de rekɔ mmeɛnsa anaasɛ anammɔn du. Biribi wowɔ ho te enwi. N'ahaban no tenten tumi yɛ anamɔn baako. Ne nhwiren no ankasa wowɔ mman bebree. Ɛyɛ hwam nso. Saa dua yi akwaadɔm no nyinaa wɔ biribi a yɛfrɛ no nicotine, gye sɛ ne mma no pɛ na ɛnni nicotine no bi. Dua no renyini no na nicotine a ɛwɔ mu no nso reyɛ kɛse. Nicotine a ɛtumi ba tobacco yi ahaban mu no yɛ ɛfiri ɔha nkyekyɛmu mmienu de rekɔ ɔha nkyekyɛmu nwɔtwe. Nyɛ ahaban no nko na nicotine wɔ mu. Wiyi ahaban no si nkyɛn a, dua no ankasa nso, nicotine no bi wɔ mu. Ɛno mpo deɛ, ɛfa nneɛma a ɛwɔ dua no mu no mu ɔha nkyekyɛmu aduosia nnan. Bɛyɛ ɔha nkyekyɛmu du nwɔtwe tumi wɔ ahaban no mu. Na afei ɔha nkyekyɛmu du mmeɛnsa nso wɔ nhwiren no mu.[3]

[sesa]

Baabi a Ɛwɔ

[sesa]

N. tabacum yɛ dua bi a n'ase firi America anaafoɔ fam. N. tabacum nyini gyina nneɛma bi te sɛ wiemu hyeɛ so. Baabi a ɛhɔ hyeɛ no gyina 20–30 °C (68–86 °F) na ɛtumi nyini pa ara.[4]

Ne Dwumadie

[sesa]

Woyi America firi hɔ a, baabi baako nso a yɛnim sɛ tobacco firi ne Caribbea. Nnipakuo bi a wɔfrɛ wɔn wh Taínofoɔ na wɔdii kan duaa bi. Wɔ afe apem ahanum ne aduosia ( 1560) mu na Jean Nicot de Villemain a na ɔyɛ French ne Portugal ntam nkitahodie ho hwɛsofoɔ de tobacco aba ne n'ahaban no bi yɛɛ aduro. Afe apem, ahanum ne aduɔwɔtwe nsia (1586) mu nso, nnua ho whehwemufoɔ bi a wɔfrɛ no Jaques Dalechamps de edin Herba nicotiana too dua a ɛnnɛ yi yɛnim no sɛ tobacco no so.

Beyɛ afe apem ne ahanwɔtwe ahyaseɛ de reba no na ɛbɛduru Africa. Ɛfiri afe apem, ne ahankron de reba no mu no, na wɔhyɛɛ aseɛ de nsuo a ɛwɔ n'ahaban mu no yɛɛ aduro a ɛtumi kum mmoawammoawa a wɔseɛ nnɔbaeɛ Anaa antɔborɔ a wɔwɔ nnipa anaa mmoa ho. Wɔ afe apem, ahanwɔtwe ne aduonum baako (1851) mu no. Belgium aduyɛfoɔ Jean Stas kyerɛɛ mu sɛ, wɔtumi de nsuo a ɛwɔ tobacco ahaban mu no yɛ awuduro. Na Belgiumni Hippolyte Visart de Bocarmé de ɛmu nsuo no bi akum n'akonta. Forinsic medicine ho animdifoɔ na wɔdaa yei adi.



Beaeɛ a Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. https://www.cancer.gov/publications/dictionaries/cancer-terms/def/nicotine (in English), 2011-02-02, retrieved 2024-07-06 {{citation}}: External link in |title= (help)
  2. Ren, Nan; Timko, Michael P. (2001). "AFLP analysis of genetic polymorphism and evolutionary relationships among cultivated and wild Nicotiana species". Genome. 44 (4): 559–71. doi:10.1139/gen-44-4-559. PMID 11550889.
  3. https://www.cancer.gov/publications/dictionaries/cancer-terms/def/nicotine (in English), 2011-02-02, retrieved 2024-07-06 {{citation}}: External link in |title= (help)
  4. Varela, L. G.; Bernays, E. A. (1988-07-01). "Behavior of newly hatched potato tuber moth larvae, Phthorimaea operculella Zell. (Lepidoptera: Gelechiidae), in relation to their host plants". Journal of Insect Behavior (in English). 1 (3): 261–275. Bibcode:1988JIBeh...1..261V. doi:10.1007/BF01054525. ISSN 0892-7553. S2CID 19062069.