Angwa moo

Ɛfi Wikipedia
(Ɛfiri Ngwo moo)
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Angwa moo(About this soundpronunciation of "Angwa moo" ) anaa angwa mo yɛ Ghana nduane mu biako are ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛnoa. Ɛyɛ ɔmo a wɔkyew san noa wɔ angwa mu. Ghana nduan pii yɛ nduan a wɔde nkwan anaa forɔyɛ a nnam wom di. Saa na angwa moo nso te. [1][2][3]

Sɛnea yɛ noa no[sesa]

Sɛ wopɛ sɛ wonoa angwa moo a wohia angwa, ɔmo ne gyeene. Afoforo de nantwi nam a yahyɛ no nkene anaa atosode ahorow ka ho noa na ama aduane no ayɛ huam.[1][2]

Nea edi kan no, hwie angwa atre mmiɛnsa ma gu kyɛnsee a wode bɛnoa aduane no.[2] Twetwa wo gyeene na kyew wɔ angwa no mu. Sɛ wode nantwi nnam bɛka ho a kyew ɛno nso wɔ angwa no mu. Kae sɛ bere a gyeene ne nnam no rekyew no wobɛ num na anhyew.[2][3]

Afei hwie moo no ka gyeene ne nnam no ho na kyew no sima kakraa bi. Wode wo nsu begu moo no ho na waka afra.[1][3] Fa nkyene kakraa ka moo no ho na kata kyɛnsee no so. Mfa agya a kyɛnsee no si so no kɔ soro dodo. Ma agya no nwɔ fam sɛnea ɛbɛyɛ a wo moo no nhyew.[1]

Ma w'ani nwɔ moo no so bere a esi agya no so na hwɛ sɛ ayɛ mmerɛw. Sɛ wohwɛ na moo no ayɛ mmerɛw a dum agya no. [3]

Wobetumi atwi mako anaa wobetumi de shitɔ adi wo moo no.

Beae a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 https://www.196flavors.com/ghana-angwa-mo/
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 https://www.ghanatalksradio.com/how-to-make-angwa-mo/
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 https://www.ghanatalksradio.com/how-to-make-angwa-mo/