Ngugi wa Mirii

Ɛfi Wikipedia

 

Ngugi wa Mirii (1951 – 2/3 May 2008) yɛ Kenya - Zimbabweni (Kenya yɛ ɔman a ɛwɔ afrika apuei fam na Zimbabwe nso wɔ afrika kesee fam) agodie kyerɛwfo, asetena mu adwumayɛfo ne ɔkyerɛkyerɛfo, a wonim no kɛse wɔ n'agoru Ngaahika Denda, a ɔne ne yɔnko Gikuyu kyerɛwfo Ngũgĩ wa Thiong'o boom kyerɛwee. [1] Agorudi no kyerɛ ntɛnkyea ne nneɛma a ɛboro so a ɛkɔɔ so wɔ Kenya(apuei fam) wɔ atubrafo akyi, na wɔn a wɔnyɛ anyansafo na wɔyɛɛ no wɔ agoprama bi a ɛwɔ abɔnten wɔ Kamirithu Nhomasua ne Amammerɛ Asoɛe a ɛwɔ Limuru (saa beae yi wɔ kenya).

Mfitiase asetra[sesa]

Wɔwoo Ngugi wa Mirii wɔ Roromo, Limuru, Kenya, na ɔyɛ nea ɔto so abien wɔ abusua a John Mirii ne Elizabeth Wanjiku woo mma baanum mu. Osuaa ade wɔ Ngenia Ntoaso Sukuu mu na efi 1972 kosi 1974 no ɔne Kenya Posts and Telecommunications Corporation (Kenya Nsemma ne Telefon Nkitahodi Adwuma Kuw) yɛɛ adwuma . Onyaa Mpanyimfo Nhomasua ho adansedi krataa wɔ Mpanyimfo Adesua Asoɛe, Nairobi Sukuupɔn mu, ( Nairobi yɛ ahenkurow Kenya kuropɔn)na afei ɔde ne ho kɔbɔɔ Nkɔso Ho Adesua Asoɛe no. [1] Bere a ɔreyɛ adwuma wɔ hɔ no ɔne akuafo ne adwumayɛfo de wɔn ho hyɛɛ mpɔtam nkɔso mu wɔ Kamiriithu, Limuru.

Agorudi kyerɛwfo[sesa]

Wɔ afe 1977 mu no, Ngugi wa Mirii ne Ngugi wa Thiong’o boom kyerɛw agoru bi a wɔtoo din Ngaahika nɔda ( Mɛware Bere a Mepɛ ). Wɔkyeree agoru akyerɛwfo baanu no nyinaa wɔ adapɛn asia akyi wɔ agoru no mfiase, na wɔde wɔn guu afiase.

Mfe anum akyi no, wɔn agoru a edi hɔ a wɔfrɛ no Mother Cry for Me ( Maame Su Ma me), hyɛɛ agoru akyerɛwfo baanu no nyinaa ma wɔkɔɔ nnommumfa mu, na Ngugi wa Mirii kɔtraa Zimbabwe bere a Ngugi wa Thiong’o dii kan guan kɔɔ Britain, na afei ɔkɔɔ United States.

Nnommumfa mu[sesa]

Wɔ afe 1982 mu no, Ngugi wa Mirii guan kɔɔ Zimbabwe baabi a ɔtenaa nnommumfa mu. Afe akyi no, ne yere Wairimu wa Ngugi ne ne babea a wadi afe biako, Elizabeth Wanjiku Ngugi bɛkaa Ngugi wa Mirii ho. Afei ɔde ne ho kɔbɔɔ Zimbabwe Foundation for Education with Production (ZIMFEP) a ɔyɛɛ adwuma mfeɛ pii. 

Wɔ Zimbabwe no, ɔkyerɛw Pan-African (Pan Afrikafo) asɛm no ho nsɛm pii. Wɔ 1985 mu no, wɔmaa no sika de hyehyɛɛ Zimbabwe Fekuw a Ɛhwɛ Mpɔtam Agoruhwɛbea So no. Wɔmaa no Zimbabwe ɔman ba wɔ ɛno akyi bere tiaa bi. 

Ná wonim Ngugi wa Mirii sɛ obi a ɔboa Robert Mugabe ne Zanu-PF . 

Owuo[sesa]

Wɔ 3 May 2008 no, Ngugi wa Mirii wui wɔ kar akwanhyia mu wɔ Zimbabwe, bere a ɔde kar kɔɔ lɔre bi a egyina hɔ a ɛbɛn Eastlea kurotia mu akyi. Saa bere no na wadi mfe 57.

Adwuma[sesa]

  • Ngaah Hinikada (Mɛware Bere a Mepɛ) , a ɔne Ngugi wa Thiong'o (1977) boom kyerɛwee

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. 1.0 1.1 The Times, June 8, 2008: Ngugi wa Mirii: Modern African playwright