Nea enti a ananse tare odanpan mu

Ɛfi Wikipedia
Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.

NEA ENTI A ANANSE TARE ƆDANPAN MU. Mmere bi, Ananse ne ne yere Ákɔnɔre Yaa yɛɛ afuw. afuw no ye mu no, Ananse yɛɛ ne ho se obi a ɔyare, nti se wɔkɔ afuw no mu a na ɔdeda hɔ a ɔnnye hwee. Eduu mmere bi no ne yere sree no sɛ sɛ woba afuw mu a ɔntew nani na wonye na atumi aboa wone won mma no. Ananse de aniwu yeyaw ne yere se 'Ah wo obea akoko nini, tumi ben na wowo a wode bekyere me nea menye?'

Eyi akyi no Ananse bɔɔ mmoden de ne ho gyee mu kakra boaa ne yere ma woyee afuw no. Nnobae no nyinn, a emu bayere, bankye, mankani ne ade abobo akeseakese, na atosode nyina nso asosow kosoo no, Kwaku ananse ani bree afuw no. Eyi nti adwene a ofae ne se, ononkoa bebo mmoden adi nnobae no nyina agya ne yere ne ne mma no. Opatu yaree na oka kyeree ne yere se, 'Okonore, yare a me yare yi de magyanom nsamanfo se owu ara na mewu, enti se mewu a da no ara monsie me. Esiane se eye nananom nsamanfo na woretow nsa afre me nti, wose, se mewu a mommfa nnadewa mmobo madaka no mu na mmom momfa owaduru, woma, nkyensee, nkyene, mankyese ne sekanma nhye madaka no mu na momfa nsie me wo afuw no mu.'

Okonore de oyaw ne su ka kyeree ne kunu se orenwu nti onnyae nea oreye no nanso wantie. Nansa pe na Kwaku Ananse gyaee mu. Okonore boo moden yee senea ne kunu kae ansa na orewu no nyinaa pepeepe. Ode awerehow betenaa ne fi bedii kuna na ne mma no nso bedann nyisia.

Esiane se na okonore ye okunafo nti, na ontumi nko afum na mmom ne mma no na woko. Da biara a wobeko ho no, na obi abetutu afuw no mu nneema no atwitwa borode a anyinyin no nyinaa. Afei nso atosode ne neema a aka no nyina nso wobeko no na obi abewiewia de ko. Se eba no saa na mmofra no kobo won maame amanee a na adan ayiye foforo koraa wo fie ho. Otumi su bo abubuo pii se se ne kunu te ase a anka owifo ko no rentumi nye sa. Adebone yi koo so ara kosii se dakoro de Okonore Yaa ankasa de ahometew koo afuw no mu kohuu senea onii no adi won awu afa. Ode eho amanee koboo Omanhene ma one ne mpanimfo yee adwene se wobeye biribi a ebetumi akyere owifo ko no.

Wode dua sen abaduaba de amman pii yee ho senea obi ho ka ara pe a ebekyere no no. Wode kosii afuw no mu gyaw ho koe dinn. Eduu anadwo no Ananse sore baa afuw no mu bedii ne dwuma a odi no. Oguso retutu nnobae no saa no, ohuu abaduaba no se egyina ho. ode ahopopo bisaa se eye hena, nanso wammua. Eyi maa ode abofuw koboo abaduaba no asom. Eho ara na nensa aka. Ode ne nan boo no, na eno nso kae saa ara. Ode abofuw yeyaw abaduaba no na oka kyeree no se se wanyaw nensa ne ne nan mu a ode ne ti bebo nano, Ananse ano ansi mpo na ode ne ti ne ne yafuanu apempem abaduaba no ama ne nyinaa akeka ho a oye ne ho hwee a enye yie. Ofii ase de su sree no nanso abaduaba no anyae no, nti otaree ho ara kosii se adekyee a kurow mma no nyina de anibre kohwee se ebia wobekyere owifo no anaa? wobeko a Ananse na otare abaduaba yi ho yi. Wo maa okaa nanom nsem nyinaa ansa na woreyi no wo ho, nanso animguase ne ahoyeraw nti ogyee ne ho kofam odampare ho a obiara anhu no bio.