Nasiru Gbadegbe

Ɛfi Wikipedia

Nasiru Sulemana Gbadegbe yɛ Ghana mmaranimfoɔ ne ɔtemmufoɔ. Na ɔyɛ Ghana Asɛnnibea Kunini no temmufo wɔ afe mpem mmienu ne nkron mu (2009) ne wɔ afe mpem mmienu ne aduonu mu (2020) ntam.

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nwomasua[sesa]

Gbadegbe fi Volta Mantam mu wɔ Ghana. Wɔwoo no wɔ Openima da a ɛtɔ so nwɔtwe wɔ afe apem ne ahankron aduonum (8th December 1950). Ɔnyaa ne bachelor of laws (LLB) abodin krataa wɔ afe 1973 mu wɔ Ghana Suapɔn mu na ɛno akyi no ɔnyaa ne qualifying Certificate in Law wɔ Ghana School of Law wɔ afe apem ne ahankron aduoson num mu (1975 ).

Adwuma[sesa]

Ansa na wɔrepaw Gbadegbe sɛ Ghana Asɛnnibea Kunini wɔ afe mpem mmienu ne nkron (2009) mu no, na wasom wɔ Ghana bench no so mfeɛ aduonu (20). Wɔpaw no sɛ Asɛnnibea Kunini no Temmufo wɔ afe 1989 mu na ɔsom wɔ saa dibea no mu mfeɛ du. Wɔ afe 1999 mu no, wɔmaa no so kɔɔ Asɛnnibea a Ɛhwɛ Asɛm a Wɔde Kɔdan Asɛnnibea na ɔtraa saa dibea no mu kosii afe mpem mmienu ne nkron (2009) mu berɛ a wɔpaw no sɛ Asɛnnibea Kunini no temmufo.

Yi obi[sesa]

Ghana ɔmanpanyin a na ɔwɔ hɔ saa berɛ no, John Evans Atta Mills na ɔpaw Gbadegbe wɔ afe mpem mmienu ne nkron (2009) mu. Wɔhwehwɛɛ ne mu Memeneda, Ahinime da a ɛtɔ so Dummienu wɔ afe mpem mmienu ne nkron mu (12th October, 2009) na mmarahyɛ badwam no penee so wɔ Kotonimma da a ɛtɔ so aduasa baako wɔ afe mpem mmienu ne nkron (2009) mu. Ɔmampanyin a na ɔwɔ hɔ saa berɛ no kaa no ntam wɔ Obubuo da a ɛtɔ so mmienu wɔ afe mpem mmienu ne nkron mu (2nd November 2009).

Ahomegyeɛ (Pɛnhyɛn)[sesa]

Gbadegbe kɔɔ pɛnhyen wɔ Openima bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne aduonu mu (2020) wɔ Asɛnnibea Kunini no mu berɛ a ɔde ne valedictory atemmuo wɔ mfeɛ aduasa baako a ɔde asom wɔ atemmuo mu akyi.