Nana Oti Akenten

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Nana Ote Akenten (Odii ade firi afe 1630 – 1660) yɛ kane Asantehe – Nea na odi Asantefo so – Ofiri ɔyoko Abusuako a na ɛyɛ kane Asanteman wɔ beae a nnɛ wɔfrɛ no Ghana[1][2].  Na nana Oti nuabarima ne Nana Kobia Antwi a wɔn maame ne Antwiwaa Nyame. Nana Oti somaa ne bɔmmɔfo a wɔfrɛ no Bɔfo Nyame akwantuo mu na okohuu sɛ Agona abusuakuo no yɛ nea wɔte baabi a wɔfrɛ no Kwabrem a wɔsesaa no akyire frɛɛ no Kwaabre. Ɔbɔmmɔfo no hui se na asase no yɛ na ɛbɔ aduane nti ɔbɛbɔɔ Nana Oti amane. Ɔhene no, n’abuasua ne soafo no bi kɔtoo saa asase no firii Agonaba Ɔbaapanyin Adwoa Nkra Wiri ho na saa beae yɛ nea wɔseaa ne din yɛɛ no Kumasi. N’ahenie ase na Akanfo dodo no ara kaa bom ko tia Asantefo [3]. Wɔ ne bre so no, wɔyɛɛ sɛ wɔbɛma nkabom aba Asantefo asraafo nyinaa mu.

Nkekaho[sesa]

  1. http://politics-history.mozello.com/page-3/params/group/122085/
  2. https://ghanaianpress.com/2018/07/13/history-of-asante/
  3. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/history/pre-colonial.php