Nana Kofi Obonyaa

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Nana Kofi Obonyaa (wɔ woo no ɔpepɔn da a ɛtɔ so 7, afe 1920) awo din Roland James Moxon, bɛyɛɛ ɔburoni fitaa a wɔdii kan yɛɛ ɔhene wɔ Ankobea mpɔtam a ɛwɔ Aburi wɔ afe 1963.Na wɔdii dwuma pii wɔ ahensɛm mu pa ara.Na ɔyɛ adwuma ma aborɔfo a wɔdii yɛn so no, Aborɔfo Aban mu dwumayɛni ,Odikuro ,twerɛtwerɛfoɔ.

Abakɔsɛm[sesa]

Kofi Obonyaa baa Ghana nkanee Gold Coast(Sika mpoano) aberɛ a na ewiase koo a ɛtɔ so mmienu asi no "World War II" sɛ abrofo aban dwumayɛni. Wɔwoo no wɔ Shrewsbury ɛna wɔkɔɔ sukuu wɔ Denstone. Wɔsan kɔsuaa abakɔsɛm wɔ St. Johns Sukuu wɔ Cambridge.

Aberɛ a ntɔkwa no to twaeɛ no wɔbaa Ghana bɛyɛɛ ananmusini a wɔhwɛ mansini so wɔ Dodowa,Aburi,Kpando ne Nkran. Ghana nyaa ahofadie no ,Ghana manpanin Dr.Kwame Nkrumah ma no bɛyɛɛ ne fotufoɔ.Moxon bɔɔ mmɔden wɔ nnwuamkuo a wɔto nkra so nkankan ne Sini nkorabata no mu. Nana ne yɔnko ne Edgar F. Kaiser a wɔboa maa Ghana tuu mpɔn. Moxon toaso kɔboa Volta River Authority ma wɔnsii Akosombo Dam.

Na wɔtu kwan kɔ Britian baako pɛ wɔ afe biara mu ,yei kyere sɛ na wɔtena Ghana pa ara.

Moɔon kɔɔ ahomgyeɛ mu 1963 na wɔsii no hene ma no abodin Nana Kofi Obonyaa a asekyerɛ ne sɛ ɔhene a yɛawo no Efiada.

Abakosɛm kyerɛ sɛ wannware da nanso wɔnyaa nkonnwa yere ne ɛna wɔsane faa mmzfra bebree yɛɛ ne mma.

Na wɔgye ahɔhoɔ a na wɔba Abibiman mu na ne saa nti wɔfrɛ no Obroni fitaa odikro

Moxon kɔ ne kra akyi wɔ Nkran afe 1999 wɔnyaa mfeɛ aduonson nan