Nana Asante-Frimpong
Nana Asante Frimpong yɛ Ghana amammuifoɔ a ɔdii dwuma berɛ baako firi afe 2001 kɔsi afe 2007. Na ɔyɛ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so mmiɛnsa no muni na na ɔyɛ mmarahyɛ baguani ma Kwabre apuei fam mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana.
Mfitiase asetra
[sesa]Wɔwoo Frimpong wɔ Kware East wɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana.
Amanyɔsɛm
[sesa]Ɔhyɛɛ n’amammui adwuma ase wɔ afe 1997 mu akyi a ɔdaa ne ho adi sɛ odii nkonim wɔ 1996 Ghana Amansan Abatoɔ no mu.. Ɔnyaa abatoɔ 333,035 wɔ abatoɔ 45,342 a ɛfata a wɔtoeɛ no mu a ɛgyina hɔ ma 58.80% tiaa Oppong Kyekyeku Kwaku Kaaky a ɔyɛ NDC muni a ɔtoo aba 10,808, Kwaku Dua-Twum a PNC muni a ɔnyaa abatoɔ 1,499 ne Abdullah Uthman a ɔyɛ PNC muni a ɔnyaa abatoɔ 0.
Wɔsan paw Frimpong sɛ mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so mmiɛnsa no muni wɔ Fourth Republic of Ghana wɔpaw no sɛ mmarahyɛ baguani ma Kwabre Mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ afe 2000 Ghana Amansan Abatow no mu. Ɔdii nkonim wɔ New Patriotic Party no tekiti so de abatoɔ 41,098 a egyina hɔ ma abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ saa afe no nyinaa mu 80.90%. Ɔkaa sɛ ɔpɛ sɛ ɔsi akan wɔ 2004 Ghana Amansan Abatoɔ no mu nanso Kofi Frimpong dii no so nkonim wɔ afe 2004 amanyɔkuo mfitiaseɛ abatoɔ mu. Ɔdii dwuma bere biako pɛ sɛ Mmarahyɛ Bagua no muni.