Nagila

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Nagila(About this soundpronunciation of "Nagila" ) yɛ asa a Kassenafoɔ ne Frafrafoɔ a wɔwɔ Atifi Apuei Mantam wɔ Ghana de gyigye wɔn ani. Wɔtaa sa Nagila wɔ afahyɛ ase ne dwumadie afoforɔ ase de gyigye wɔn ani. Nnipa baako pɛ na ɛsa Nagila asa no. Onii a ɔresa no de ne nan penpem famu ma ɛne ntwene a wɔrebɔ no hyia.[1][2]

Sɛnea wɔsa no[sesa]

Berɛ a onii a ɔrebɛsa Nagila no ayɛ krado no, odi kan koa ne mu kakra na ɔde n'abatwɛ kɔ n'akyi. Afei ɔde ne nan penpem famu berɛ koro no ara nso na ɔde n'abatwɛ no kɔ n'akyi san ba n'anim. Ɔyɛ eyi ma ɛne ntwene a wɔrebɔ no hyia. Onii a odi kan sa no taa sa anibuo aduasa(30) na ogyae ma wɔbɔ ntwene no nkoaa kakra. Wɔbɔ ntwene no deneenen de kyerɛ sɛ onii a na ɔresa no ayɛ krado sɛ ɔresan abɛsa. Onii no bɛtoa asa no so anibuo aduasa(30) na ɔsan gyae ma wɔbɔ ntwene no nkoaa kakra. Wɔyɛ no saa ara bɛyɛ mpɛn nsia na obi foforɔ nso bɛsa bi.[3]

Beae A Minnyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. https://www.mynewsgh.com/kassena-people-of-ghana-and-burkina-faso/
  2. http://music.africamuseum.be/instruments/english/ghana/frafra/nagila.html
  3. http://pancocojams.blogspot.com/2016/09/five-videos-of-nagila-dancing-by.html