Naa Dedei Omaedru III

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei wɔ Asante Kasa mu

Naa Dedei Omaedru III (wɔwoo no wɔ Oforisuo bosome da ɛtɔ so aduonu wɔ afe 1934 na ɔwuu wɔ Ɔpɛnimaa bosome da ɛtɔ so aduonunsia wɔ afe 2022 mu) a wɔsan frɛ no Naa Dedei Ablah yɛ Ga Mantam no Ɔhemmaa.[1][2][3]

Mfitiaseɛ abrabɔ ne Nwomasua[sesa]

N’awofoɔ ne George Holmes ne Sarah Akweley Kotey, ɔne ne papa nua Charles Holmes tenaa Nigeria wɔ ne mfeɛ a ɛyɛ mmerɛ mu baabi a ɔkɔɔ sukuu. Ɔsan kɔɔ Ghana ɛfiri sɛ na ne maame yareɛ na ɔtoa ne nwomasua so wɔ Adabraka Methodist Sukuu mu baabi a ɔwiee ne gyinapɛn nwomasua a ɛtɔ so nson.[4]

Adwumayɛ[sesa]

Ɔyɛɛ adwuma wɔ Pioneer Paper Bag Factory a ɛwɔ Jamestown. Wɔ afe 1960 ne 1961 mu no ɔdii nkonim wɔ Greater Accra Beauty Pageant mu na akyiri yi ɔde ne ho hyɛɛ Miss Ghana Beauty Pageant a ɔdii kan wɔ mu no mu. Ɔtu kɔɔ Tema Aluminium Factory sɛ nyiyimufoɔ panin.[4]

N'ahennie[sesa]

Wɔ afe 1963 mu no, wɔde no too Ga Mantam no mu Ɔhemmaa (Ga Manye) bere a na wadi mfe aduonu nkron (29). Ɔfaa asɛnka adwa din Naa Dedei Omaedru III, din a ɔgye fii ne nanabaa Naa Dedei Omaedru II hɔ.[4][5]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Naa Dedei Omaedru III: In fotos - How Accra stand still to mourn di late Queen mother, 2023-10-28, retrieved 2023-12-15
  2. African Editors (2023-10-28), Ga State Mourns Late Queenmother Naa Dedei Omaedru III - AfricanEditors.com (in American English), retrieved 2023-12-15 {{citation}}: |last= has generic name (help)
  3. African Editors (2023-10-28), Ga State Mourns Late Queenmother Naa Dedei Omaedru III - AfricanEditors.com (in American English), retrieved 2023-12-15 {{citation}}: |last= has generic name (help)
  4. 4.0 4.1 4.2 A Beauty Queen And A Leader: Biography Of Ga Manye Naa Dedei Omaedru III (in English), 1970-01-01, archived from the original on 2023-12-15, retrieved 2023-12-15
  5. Late Ga Manye goes home today; body to visit all royal homes before burial (in American English), 2023-10-28, retrieved 2023-12-16