Mshila Sio

Ɛfi Wikipedia

Mshila Sio yɛ Kenyani a ɔsɔne nsu bɔne so ma ɛbɛyɛ nsu papa. N’adwuma a ɔy3 no din de Omiflo a ɛwɔ Nairobi wɔ Kenya man mu.[1]

Mmofrase ne Suukukɔ[sesa]

Wɔwoo Mshila wɔ Kenya. Ɔkɔɔ sukuu wɔ Australia man mu wɔ afe 2012/2013.[1][2]

Adwuma[sesa]

Sio tuu kwan kɔɔ Spain sɛ ɔkɔ sra abusuafo. Ɛhɔ no ohyiaa mmrante ne mbabawa bi a na wɔde mmfiri sɔne nsu bɔne so sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa betumi de saa nsu no adi dwuma.[3] N’ani bɛgyee eyi ho efisɛ wɔ abibi man mu no ɛyɛ den yiye sɛ wobenya nsu. Afie nso nyarewa pii a Afrikafo nya no fi nsu bɔne a wɔnom anaa wɔde di dwuma mu.[3][2] Saa nsu yi ara sɛe asase a wɔte so no. Ɔsan n’akyi kɔɔ Kenya na ɔne mmrante ne mmabawa no yɛɛ nhwehwɛmu ne adwuma mfe pii sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ biribi a wɔde bɛboa ne kuromafo.[3][2]

Esaine sɛ ne sikasɛm nyɛ nti na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛyɛ afiri a ɛbɛ sɔne nsu no so. Onyaa mmoa fii Amerika manpayin a na ɔte akongua so saa bere no (Barak Obama) wɔ nhehyɛe a wɔfrɛ no Mandela Washington fellowship and Aqua For All hɔ.[4] Wɔde sika hyɛɛ n’adwuma no mu na eyi boa maa otumi yɛɛ afiri no.

Nsu bɔne gu ahorow eyi nti bere biara a obi bɛpɛ sɛ Sio yɛ nsu ho adwuma no, ɛsɛsɛ ɔsesa afiri a ɔde bedi dwuma no kakraa. Afei nso ɔhwɛ nea wɔde nsu no bɛyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɔsɔne so a wobetumi de adi dwuma sɛnea wɔpɛ no. Ɔde Phytofix na ɛsɔne nsu no so. Phytofix de phytoremediation ne hydroponic nyansahu sɔne nsu so yiye a wonsɔe sika pii.[1]

Sɛ Sio de mfiri a ɔyɛ no sɔne nsu so a, wonte nka bɔne biara wɔmu. Afie ɔmfa anyinam kanea ahoɔden anaa nnuru nni dwuma. Eyi boa ma ɛbɔ yɛn asaase no ho ban

Abasobɔde a w'anya[sesa]

Wɔ afe 2021 no, Sio de ne nsu sɔne mfiri adwuma no kɔɔ No Waste Challenge akansi ase. Esaine sɛ n'adwuma no yɛ nea ebetumi aboa nnipa pii no, ɔno na odii kan wɔ akansi no mu.[1]

Beae a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 https://www.designindaba.com/articles/creative-work/no-waste-challenge-winner-omiflo-makes-splash-sustainable-design-industry
  2. 2.0 2.1 2.2 https://mindflixmedia.com/pages/connect?p=post%2Fdaring-returnees-mshila-sio-kenyan-recycling-waste-water-11867930
  3. 3.0 3.1 3.2 https://www.usadf.gov/story/536
  4. https://www.mandelawashingtonfellowship.org/program-impact-stories/water-sanitation-and-hygiene-wash-entrepreneur-gives-back-to-local-communities-in-kenya/