Mphethi Morojele

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Mphethi Morojele yɛ South Afrikani a ɔyɛ adan ho mfonin. Ɔno na ɔda adwumakuo a wɔfrɛ wɔn "MMA Design Studio" ano, na ɔno ara nso ne adwuma no wura. Berɛ wɔhyɛɛ adwumakuo yi ase wɔ afe apem ahankron ne aduokron-num (1995) mu no, na edin a ɛda adwumakuo no so ne 'MMA Architects.'[1]

N'abrabɔ ahyɛaseɛ ne ne sukuukorɔ[sesa]

Wɔwoo Mpethi wɔ kuro bi a ɛwɔ South Afrika a wɔfrɛ no Lesotho mu[1][2] Afe apem ahankron ne aduokron (1990) mu no, ɔgyee abodin a wɔfrɛ no Bachelor of Architecture firii Cape Town suapɔn no mu.[3] Afe apem ahankron ne aduokron mmiɛnsa mu no, ɔtoaa n'adeusa so gyee abodin Master of Science in Architecture wɔ Barlett a ɔwɔ London Suapɔn a wɔfrɛ no University College of London no mu.[3]

N'adwumasɛm[sesa]

Ɔwiee n'adesua no, Mphethi kɔkyerɛɛ adeɛ wɔ sukuu a wɔde tete nnipa a wɔyɛ adan ho mfonin a ɛwɔ suapɔn a wɔfrɛ no University of Witwatersrand a ɛwɔ South Afrika ahenkuro Johannesburg mu.[2]  Ɛsiane sɛ ne ɔnam Afrikafoɔ nimdeɛ ne wɔn amammerɛ so na ɛyɛ ne nnwuma nyinaa nti, wɔagye din wɔ Abibirem ha ne amanɔne nyinaa. Mfeɛ mpem mmienu ne dunan mu no, na ɔka baasonkuo a wɔyɛ abɔdeɛ mu nhwehwɛmu a wɔfrɛ wɔn International Union of  Architects (UIA) no fa a ɛwɔ Durban no ho. Ɔka nnipa a wɔhyehyɛɛ ekuo a wɔfrɛ no African Architecture Awards no ho.[1]  Ɔno na adwumakuo a wɔfrɛ no MMA Design Studio a ɛwɔ South Afrka ahenkuro Johannesburg mu no yɛ ne dea. Wayɛ ɔtɛmmuafoɔ ama amanɔne akansie ahodoɔ pii binom te sɛ UIA, the European Union, the Holcim Awards (Africa and Middle East).[4]

Nnwuma ahodoɔ[sesa]

Mphethi adwumakuo no de wɔn ho ahyɛ nnwuma ahodoɔ a ɛfa adansie ho mfonin ahodoɔ ne nkuro akɛseɛ mu nnwuma ahodoɔ pii mu wɔ aman pii so wɔ Abibire mu ha.[5] Saa nkuro ahodoɔ yi mu bi ne South Afrika, Lesotho, Mozambique, Uganda, Ethiopia, Botswana ne Burundi. Ɔno na ɔdii ɔman Faahodie Agodibea kɛseɛ a wɔka no pɔtɔ kasa mu sɛ 'Freedom Park' a ɛwɔ Pretoria no ho dwuma. Saa agodibea yi kɛseɛ bɛyɛ ahinanan aduonum mmienu (52 hɛkta).  Ɔno ara nso na ɔyɛɛ Faahodie Agodibea Adekoradan, nea wɔka no pɔtɔ kasa mu sɛ 'Freedom Park Musuem' no. Ɔno korɔ yi ara na ɔdii anim ma wɔsii ɛdan maa South Afrikafoɔ Aban asoeɛ a ɛwɔ Addis Ababa wɔ Ethiopia ne deɛ ɛwɔ Berlin wɔ Germany no.  Ɔno ara nso na ɔhwɛ maa wɔyɛɛ 'Westwood Way Private Residence' a ɛwɔ Johannesburg ne Parktown Girls High Science Centre no ho nnwuma nyinaa.[6]

Baabi a menyaa mmoa[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 https://msd.unimelb.edu.au/indigenous-design-symposium/speakers/mphethi-m.-morojele#:~:text=Mphethi%20Morojele%20is%20owner%20and,based%20in%20Johannesburg%20South%20Africa
  2. 2.0 2.1 https://msd.unimelb.edu.au/indigenous-design-symposium/speakers/mphethi-m.-morojele#:~:text=Mphethi%20Morojele%20is%20owner%20and,based%20in%20Johannesburg%20South%20Africa
  3. 3.0 3.1 https://www.weforum.org/people/mphethi-morojele
  4. https://msd.unimelb.edu.au/indigenous-design-symposium/speakers/mphethi-m.-morojele#:~:text=Mphethi%20Morojele%20is%20owner%20and,based%20in%20Johannesburg%20South%20Africa
  5. Archive copy, archived from the original on 2019-03-01, retrieved 2022-03-19{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  6. https://www.africanleadershipacademy.org/blog/the-team-behind-the-design-architect-mphethi-morojele/