Jump to content

Morphine

Ɛfi Wikipedia

Morphine kane no nso wɔfrɛ no morphia, ɛyɛ opiate a ɛwɔ opium mu, ɛyɛ kɔkɔɔ resin a wonya firi opium poppies (Papaver somniferum) ho. Wɔde di dwuma titire sɛ aduro a ɛma ɛyaw no so te. Akwan pii wɔ hɔ a wɔfa so de morphine di dwuma: wɔnom; sublingual; fa ahome mu; fa ntini ase anaa fa ntini mu. Ɛyɛ adwuma tee wɔ central nervous system (CNS) so de nya analgesia na ɛsakra adwene ne nkateɛ mu mmuaeɛ wɔ ɛyaw ho. Sɛ wɔde aduro no di mprɛ pii a, ɛbetumi ama obi anya ne ho so ne ne ho abotare. Wobɛtumi de adi yaw a emu yɛ den ne yaw a enni sabea ano, na wɔtaa de di yaw a efi myocardial infarction, aniwa abo, ne awoɔ mu. Sɛ wɔde no fa ntini mu a, edi bɛyɛ simma 20, na sɛ wɔde no fa ano a, edi simma 60, na nea edi so no yɛ nnɔnhwere 3 de kɔsi 7. Morphine a wɔde di dwuma bere tenten wɔ hɔ sɛ MS-Contin, Kadian, ne din ahorow foforo, ne generic.