Mohammed Hardi Tuferu

Ɛfi Wikipedia
Hon

Mohammed Hardi Tuferu
Awo bere16 July 1969 ( age 54)
CitizenshipGhanaian
N'adwumaPolitician
Years activeIncumbent

Mohammed Hardi Tufeiru yɛ Ghana amammuifoɔ na ɔyɛ Ghana Ɔmanpanin a ɛtɔ so nnan Mmarahyɛdwa a ɛtɔ so nson no muni a ɔgyina Nanton Mansin a ɛwɔ Atifi Mantam no ananmu wɔ New Patriotic Party no tekiti so[1]. Ɔyɛ adesua ho nimdefoɔ ne akontabufoɔ a ne ho akokwa, ɔfiri Institute of Chartered Accountant (ICAG) na ɔwɔ MBA wɔ Akontaabuo mu wɔ Ghana Suapɔn mu ne Bachelor of Commerce abodin krataa wɔ University of Cape Coast. Mprempren ɔyɛ Kuadwuma ho Ɔsoafo Abadiakyiri.[2]

Nwomasua[sesa]

Ɔnyaa GCE wɔ afe 1996 mu na ɔkɔɔ University of Cape Coast kɔnyaa B.Comm (Accounting) wɔ afe 2000. Ɔsan nso nyaa M.B.A wɔ akontabuo mu wɔ Ghana Suapɔn mu wɔ afe 2006. Ɔbɛyɛɛ Institute of Chartered no muni Akontaabufoɔ ( Akontaabuo) wɔ afe 2009. Ɔyɛ IIA ( Auditing) 2016 no muni.[3][4]

Adwuma[sesa]

Hon. Mohamed Hardi Tuferu yɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ firi afe 2001 kɔsi afe 2006 wɔ Tamale Mfiridwuma Suapɔn mu ne Akontaabuo Panyin firi afe 2006 kɔsi afe 2016.[4]Ɔtenaa Audit Reports Implementation Committees a ɛwɔ ntoaso sukuu akyi asoɛeɛ dodoɔ bi mu wɔ afe 2008 ne 2016 ntam, a Suapɔn a ɛhwɛ Nkɔsoɔ Adesua ne Tamale Mfiridwuma Suapɔn ka ho. Efi afe 2007 kosi afe 2016 no, na ɔyɛ Tamale Mfiridwuma Sukuupɔn no mu Nhwehwɛmu Dwumadibea no Titenani. Wɔ Tamale Technical University ne Institutes for Distance Learning no, ɔkyerɛɛ akontabuo, Towtua, Cost & Management Accounting, Auditing, MIS, Public Sector Accounting, ne Quantitative Methods (University of Cape Coast, University of Ghana ne Kwame Nkrumah University of Science and Technology ).[2]

Ɔsom wɔ Mmarahyɛ Bagua no mu[sesa]

Wɔ Mmarahyɛbadwa ɛtɔ so nson no mu no, na ɔyɛ Ɔmanfoɔ Akontaabuo Boayikuo (PAC) no muni Abadiakyiri ne Boayikuo a ɛhwɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, nyansahu ne mfiridwuma so no muni. Ná ɔyɛ Afrika Mmarahyɛbadwa kuo no nanmusifo nso. Na ɔyɛ Petroleum Commission Ghana Board of Directors no muni firi afe 2017 kɔsi afe 2021, na ɔyɛɛ Sikasɛm ne Mpɔtam hɔ Nsɛm Boayikuo no guamtrani. Efi afe 2017 kɔsi afe 2021 no, ɔsan tenaa Akontaabuo Boayikuo a ɛwɔ Ghana Gas Co. Ltd. Boayikuo no mu .[2]

Ankorankora asetena[sesa]

Tuferu yɛ muslim,ɔware ɔyerenom mmienu a wɔwɔ mma.

Bɛbia Mmoa Efiri[sesa]

  1. "Mohammed Hardi Tufeiru", Wikipedia (in English), 2023-07-31, retrieved 2023-10-03
  2. 2.0 2.1 2.2 "Mohammed Hardi Tufeiru", Wikipedia (in English), 2023-07-31, retrieved 2023-10-03
  3. "Mohammed Hardi Tufeiru", Wikipedia (in English), 2023-07-31, retrieved 2023-10-03
  4. 4.0 4.1 "Mohammed Hardi Tufeiru", Wikipedia (in English), 2023-07-31, retrieved 2023-10-03