Jump to content

Mina Nawe

Ɛfi Wikipedia

Mina Nawe yɛ studio album a ɛtɔ so dunum a South Africa odwontofoɔ Brenda Fassie yɛeɛ. CCP Records na woyii kyerɛwtohɔ no adi wɔ November 2, 2001. Fassie ne Sello Chicco Twala kyerɛw album no nnwom dodow no ara.[1]

Mfitiaseɛ no CCP Records na ɛyii album no adi, wɔsan yii album no adi wɔ CD so wɔ afe 2002 mu, EMI wɔ afe 2009 mu no san yii album no adi wɔ ne digyital kwan so. Album no nso yɛ album a wɔtɔn sen biara wɔ afe 2001 mu, sɛnea Recording Industry of South Africa (RISA) kyerɛ no.Wɔtɔn album no bɛboro 350 000 wɔ South Africa wɔ afe 2002 mu.[1]

  1. 1.0 1.1 https://www.news24.com/xArchive/Archive/Brenda-Fassie-1964-2004-20040510