Jump to content

Mim Senior High School

Ɛfi Wikipedia

Mim Senior High School a nnipa dodoɔ no ara frɛ no sɛ Misec yɛ ntoasoɔ sukuu ahodoɔ a ɛwɔ ɔman Ghana no mu bi, na ɛyɛ adwuma sɛ adesua a wɔbom yɛ, ɛnyɛ asɔre biara sukuu, wɔwɔ dan a wɔde gye ahɔhoɔ a wɔfiri akyire bɛsua adeɛ wɔ sukuu no mu a ne nyinaa wɔ Mim wɔ Asunafo North Mansini no mu wɔ Ahafo Mantam mu wɔ Ghana. Wɔn asɛmti a wɔka no Borɔfo kasa mu sɛ motto no ne "Ma Wo Hann Nhyerɛn" ('Let Your Light Shine')[1][2]

Sukuu no sua adesua ahodoɔ bi te sɛ adesuadeɛ a ɛfa Adwumayɛ (Business), Nyansahunu (Science), adwinni a ɛfa nnoɔma nyinaa ho (General arts), kuayɛ ho adesua nyinaa (general agric), Ofie Sikasɛm (Home Economics )ne adwinnie a wɔde aniwa hu (visual arts), na ɛnam so ma wɔgye abɔdin krataa a wɔfrɛ no West African Senior School Certificate (WASSCE)[3]

Abakɔsɛm[sesa]

Wɔde sukuu no sii hɔ wɔ afe apem ahankron aduosia nkron (1969) mu wɔ Mim wɔ Sunyani kwan so, wɔ Ahafo Mantam mu wɔ Ghana. Wɔde sukuufoɔ aduoson (70) na ɛhyɛɛ aseɛ sɛ sukuu a wɔde mmaa ne mmarima nyinaa adi afra.[4]

Akyerɛkyerɛfoɔ Panyin[sesa]

Gabriel Fosu[5]

Nnipa titire a wɔafa sukuu no mu bi (Alumni)[sesa]

Collins Dauda, ​​amanyɔni

Seiba Issifu, Ɔkyerɛkyerɛfoɔ[6]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Ahafo News (2018-05-08), Breaking news: Misec teachers strike over countless attacks (in American English), retrieved 2024-06-05
  2. Staff Member (2022-03-17), SHS Courses / Programmes with their Future Jobs Opportunities In Ghana (in American English), retrieved 2024-06-05
  3. Samuel Osei-Frimpong (2003-08-05), "A Journey to the West", GhanaWeb
  4. Mim Senior High, retrieved 2024-06-05
  5. GhanaWeb (2018-05-25), "Let Only Aggregate 30 and below students enjoy Free SHS", GhanaWeb
  6. About Seiba Issifu – Asco Publications (in American English), retrieved 2024-06-05