Mathias Kwame Ntow

Ɛfi Wikipedia
Mathias Kwame Ntow
Member of the Ghana Parliament
for Aowin Constituency
Ne ho asɛm
Awo bere11 November 1957 (1957-11-11) (age 66)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress

Mathias Kwame Ntow yɛ Ghana amammuifoɔ ne Mmarahyɛ Bagua a ɛtɔ so nson a ɛwɔ Ghana Republic of the Fourth Republic no muni a ɔgyina Aowin Mansin ananmu wɔ Western Region wɔ National Democratic Congress tekiti so.

Ankorankoro asetena[sesa]

Elder Ntow yɛ Kristoni, Pentekoste Asɔre no muni. Ɔware Owurayere Victoria Sam (a ɔwɔ mma baanum)

Mfitiase asetena[sesa]

Wɔwoo Ntow wɔ Nkwanta No.2 wɔ Dwoada Obubuo bosome ne da a ɛtɔ so 11 wɔ afe 1957.Ɔkɔɔ Winneba Sukuupɔn na na ɔwɔ Bachelor of Education Degree wɔ Social Studies mu.[1] Ná ɔwɔ Ɔkyerɛkyerɛfo Abodin krataa A nso a efi Enchi College of Education

Ntow wiee Sukuupɔn a ɛhwɛ Nhomasua Winneba so a na ɔwɔ Masters of Art wɔ Nnipa Hokwan ahorow mu wɔ afe 2007 mu.

Adwuma[sesa]

Owura Ntow yɛ Nhomasua ho Ɔbenfo wɔ n’adwuma mu.[2] Na GES (Principal Supt ne Social Science Tutor, Enchi College of Education) nso de no yɛ adwuma.[2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ntow yɛ National Democratic Congress amanyɔkuw (NDC) no muni. Wɔ afe 2008 mu no, ɔsii akan wɔ Aowin atenaeɛ a ɛwɔ NDC tekiti so maa ɔmanpanin a ɛtɔ so nnan no mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so nnum no na ɔdii nkonim. Ná ɔyɛ Aowin Mantam, Atɔe Fam Mantam no muni. Na ɔyɛ mmarahyɛ baguani nso ma Republic of Ghana a ɛtɔ so nnan no mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so nsia ne ason.[1]

2008 abatow mu[sesa]

Ntow sii akan maa Aowin mantam a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ mantam mu wɔ National Democratic Congress tekiti so wɔ afe 2008 Ghana amansan abatoɔ no mu na ɔdii nkonim wɔ mmarahyɛ bagua no mu a na ɔnya abatoɔ 19, 291 a ɛgyina hɔ ma abatoɔ no nyinaa mu ɔha mu nkyekyɛmu 54.09. Ɔno a wɔpaw no wɔ Samuel Adu Gyamfi a ofi New Patriotic Party a ɔnyaa abatow 15, 393 a egyina hɔ ma ɔha biara mu nkyem 43.16, mmarahyɛ bagua kandifo ma PNC Ebenezer Ebbi Kwaw Dankwa nyaa abatow 631 a ɛne ɔha biara mu nkyem 1.77 yɛ pɛ na mmarahyɛ bagua kandifo ma Convention people’s party Martin Boadu nyaa abatow 347.[3][4]

2012 abatow mu[sesa]

Wɔsan paw Ntow sɛ mmarahyɛ bagua muni maa Aowin mantam a ɛwɔ Ghana Atɔe Fam Mantam mu wɔ National Democratic Congress tekiti so wɔ afe 2012 Ghana amansan abatow mu. Wɔde abatow 30, 035 na ɛpaw no a egyina hɔ ma abatow no nyinaa mu ɔha biara mu nkyem 56.67. Ɔdii nkonim wɔ mmarahyɛ bagua no mu wɔ Samuel Adu Gyamfi a ɔfiri New Patriotic Party, Solomon Appiah a ɔfiri IND, Abdu Hawa a ɔfiri PPP, ne John Brew a ɔfiri NDP. Wonyaa abatow 21, 030, abatow 756, abatow 700, ne abatow 269. Eyinom ne abatow nyinaa mu ɔha biara mu nkyem 39.68, ɔha biara mu nkyem 1.43, ɔha biara mu nkyem 1.32, ne ɔha biara mu nkyem 0.51 yɛ pɛ.[5][6]

2016 abatow[sesa]

Ntow san sii akan wɔ Aowin mantam a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ Mantam mu no wɔ National Democratic Congress tekiti so wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ no mu na ɔdii nkonim wɔ abatoɔ no mu a 22, 385 gyina hɔ ma abatoɔ no nyinaa mu ɔha mu nkyekyɛmu aduonum 70. Ɔdii nkonim wɔ mmarahyɛ bagua no mu sene Samuel Adu Gyamfi a ɔfiri New Patriotic Party a ɔnyaa abatoɔ 20, 780 a ɛne ɔha mu nkyekyɛmu 47.06 yɛ pɛ, mmarahyɛ bagua mu kandifoɔ ma PPP Isaac Wilson Kwaw nyaa abatoɔ 853 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 1.93 na mmarahyɛ bagua mu kandifoɔ ma Convention people’s party Solomon Asamoah nyaa 134 abatow a egyina hɔ ma abatow no nyinaa mu ɔha biara mu nkyem 0.30.[7]

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 "Mathias Kwame Ntow", Wikipedia (in English), 2023-05-23, retrieved 2023-10-01
  2. 2.0 2.1 "Mathias Kwame Ntow", Wikipedia (in English), 2023-05-23, retrieved 2023-10-01
  3. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2008 Results - Aowin Constituency, retrieved 2023-11-22
  4. http://dx.doi.org/10.3987/com-08-s(n)cv {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  5. FM, Peace
  6. Parliamentary Results - AowinConstituency, retrieved 2023-11-22
  7. Peace FM, Aowin Constituency Results - Election 2016, retrieved 2023-11-22