Mary Grant

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Mary Grant
Council of State Member
Minister of Education and Culture
Bere
1991–1993[1]
Member of National Defence Council for General Affairs
Bere
1989–2001[1]
Deputy Minister of Health
Bere
1988–1989[1]
Ne ho asɛm
Awo bere(1928-08-06)6 August 1928
Owu bere18 September 2016(2016-09-18) (aged 88)
37 Military Hospital, Accra, Ghana
Ne manGhanaian
Sukuu a w'akɔWesley Girls High School

Mary Grant (6 Ɔsanaa 1928 – 18 Ɛbɔ 2016), na ɔyɛ Ghanani oduruyɛfo ne amanyɔni. Na ɔyɛ Ghana 'Council of State' muni a odi kan ne Wesley Girls High School osuafo a ɔbɛyɛɛ oduruyɛfo a odi kan. Grant ne ɔbea a ɔtɔ so abiesa a yɛgyee no tom sɛ oduruyɛfo wɔ Susan Ofoti-Atta(1947) ne Matilda J. Clerk (1949) akyi. Na ɔyɛ Paa Grant a yɛfrɛɛ no "Gold Coast amanyɔsɛm mu agya" no busuani..

Mary Grant nyaa ntoaso sukuu ho nimdeɛ wɔ Wesley Girls High School a ɛwɔ Cape Coast na ɔtoa so kɔɔ skuupɔn kɔsua aduruyɛ wɔ amanɔne United Kingdom.[2]

Mary Grant fii amanyɔsɛm ase bere a yɛ paw no sɛ Secretary of Health wɔ 1985. Grant nyaa gyinabea ahorow pii a ebi ne Deputy Minister of Health and Member of the Provisional National Defense Council (PNDC). Akyiri no ɔbɛyɛɛ Minister of Education ne Culture ne afie nso Member of Council of State.

Odii Ghana anamusifo wɔ amanɔne nhyiam ahorow te sɛ World Health Organisation(WHO) General Assemblies wɔ Geneva ne Ɔmantam Nhyiam a ɛwɔ Africa, World Bank Nhyiam a ɛfa Africa Apowmuden ho, Cairo Nhyiam a ɛfa Population and Development ho ne Beijing Nhyiam a ɛfa "Women Rights" ho.[3]

Grant nyaa abasobɔde bre a wɔyɛɛ Maiden Women's Award.[3]

Ofii mu a na wadi 88, owia beremu Ɛbɔ da a ɛtɔ so 18 2016 wɔ 37 Military Hospital (Accra). Wɔmaa no ɔman asiei.[2]

  1. 1.0 1.1 1.2 "The Republic of Ghana (Female suffrage 1949/54) A number of territories administered by the British after World War II as a United Nations Trusteeship until gaining independence 1957 and becoming a republic in 1960". WORLDWIDE GUIDE TO WOMEN IN LEADERSHIP. Retrieved 5 September 2016.
  2. 2.0 2.1 Delali Adogla-Bessa, "Rawlings, Kufuor, Mahama, pay last respects to Mary Grant" Nhwɛsoɔ:Webarchive, News Central, Citifmonline, 21 October 2016.
  3. 3.0 3.1 {{cite web}}: Empty citation (help)