Jump to content

Mary Grant

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Mary Grant
Ɛkuo a Wɔtu Ɔmampanin Fo Ba
Soafoɔ a ɔhwɛ Nwomsua ne Amammerɛ So
Bere
1991–1993[1]
National Defence Council for General Affairs Kuo no Ba
Bere
1989–2001[1]
Ɔsoafoɔ Bediakyire a Ɔhwɛ Apomuden So
Bere
1988–1989[1]
Ne ho asɛm
Awo bere(1928-08-06)6 August 1928
Owu bere18 September 2016(2016-09-18) (aged 88)
37 Military Hospital, Accra, Ghana
Ne manGhanaian
Sukuu a w'akɔWesley Girls High School

Mary Grant (6 Ɔsanaa 1928 – 18 Ɛbɔ 2016), na ɔyɛ Ghanani oduruyɛfo ne amanyɔni. Na ɔyɛ Ghana 'Council of State' muni a odi kan ne Wesley Girls High School osuafo a ɔbɛyɛɛ oduruyɛfo a odi kan. Grant ne ɔbea a ɔtɔ so abiesa a yɛgyee no tom sɛ oduruyɛfo wɔ Susan Ofoti-Atta(1947) ne Matilda J. Clerk (1949) akyi. Na ɔyɛ Paa Grant a yɛfrɛɛ no "Gold Coast amanyɔsɛm mu agya" no busuani..

Mary Grant nyaa ntoaso sukuu ho nimdeɛ wɔ Wesley Girls High School a ɛwɔ Cape Coast na ɔtoa so kɔɔ skuupɔn kɔsua aduruyɛ wɔ amannɔne, United Kingdom.[2]

Mary Grant fii amanyɔsɛm ase berɛ a yɛ paw no sɛ Secretary of Health wɔ 1985. Grant nyaa gyinabea ahodoɔ pii a ebi ne Ɔsoafoɔ bediakyire a ɔhwɛ Apomuden so san yɛ amanyɔkuo Provisional National Defense Council (PNDC) no ba. Akyiri no ɔbɛyɛɛ Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Nwomasua ne Amammerɛ so ne afei nso bɛyɛɛ Ɛkuo a Wɔtu Ɔmanpanin Fo no ɛba.

Ɔdii Ghana anamusifoɔ wɔ amanɔne nhyiam ahorow te sɛ World Health Organisation(WHO) General Assemblies wɔ Geneva ne Ɔmantam Nhyiam a ɛwɔ Africa, World Bank Nhyiam a ɛfa Africa Apowmuden ho, Cairo Nhyiam a ɛfa Population and Development ho ne Beijing Nhyiam a ɛfa "Women Rights" ho.[3]

Grant nyaa abasobɔde bre a wɔyɛɛ Maiden Women's Award.[3]

Ɔfirii mu no, na wadi 88, awia bere mu, Ɛbɔ da a ɛtɔ so 18 2016 wɔ 37 Military Hospital (Accra). Wɔmaa no ɔman asiei.[2]

  1. 1 2 3 "The Republic of Ghana (Female suffrage 1949/54) A number of territories administered by the British after World War II as a United Nations Trusteeship until gaining independence 1957 and becoming a republic in 1960". WORLDWIDE GUIDE TO WOMEN IN LEADERSHIP. Retrieved 5 September 2016.
  2. 1 2 Delali Adogla-Bessa, "Rawlings, Kufuor, Mahama, pay last respects to Mary Grant" Nhwɛsoɔ:Webarchive, News Central, Citifmonline, 21 October 2016.
  3. 1 2 {{cite web}}: Empty citation (help)