Marian Asantewah Nkansah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Marian Asantewah Nkansah FGA yɛ Ghanafoɔ a ɔyɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho ɔbenfoɔ. Ne nhwehwɛmu adwuma no twe adwene si nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho haw ahorow a ɛfa nneɛma a awuduru te sɛ heavy/trace metals, persistent organic pollutants (POPs) ne polycyclic aromatic hydrocarbons (PAHs) a ɛwɔ aduan, nsu, asase, abotan, nsu a ɛtɔ ne afoforo mu dodow ne ne nkrabea ho ano aduru a obenya so nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nhwɛsode ahorow. Ɔsan yɛ nhwehwɛmu wɔ sɛnea efĩ yi ne wɔn ho wɔn ho di nkitaho wɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia mu no ho. Wɔ afe 2016 mu no, ɔne nyansahufoɔ binom a wɔfiri Kwame Nkrumah University of Science and Technology, dii nhwehwɛmu bi anim a ɛmaa wɔsii so dua sɛ dɔteɛ fitaa a wɔtumi di no de kokoram ho asiane bɛba. Wɔ afe 2016 mu no, ɔbɛyɛɛ nyansahufoɔ a ɔdi kan a ɔdii nkonim wɔ Fayzah M. Al-Kharafi Nkonimdie, afe afe abasobɔdeɛ a ɛma mmaa nyansahufoɔ soronko a wɔfiri aman a wɔka akyi wɔ nyansahu ne mfiridwuma mu. Ɔne Collins Obuah, nyansahufoɔ foforɔ a ɔfiri Ghana Suapɔn mu, na wɔyɛ nyansahufoɔ mmienu a wɔpaw wɔn sɛ wɔnkɔ Lindau Nobel Laureate nhyiamu wɔ afe 2017. Wɔ afe 2021 mu no, na ɔka mmaa baanum a wɔnyaa OWSD-Elsevier Foundation Awards wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔsoɔ mu no ho. Ɔnyaa afe 2022 Africa Role Model Overall Female Personality Award, na wɔde no too mu sɛ Ghana Academy of Arts and Sciences Fellow afe korɔ no ara.

Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Nkansah wɔ Ghana maa Mary ne Joseph Nkansah a wɔn baanu nyinaa yɛ nhomasua ho nimdefo. Ɔnyaa ne mfitiaseɛ ne ntoaso sukuu wɔ St. Anthony’s Experimental School, Nkawkaw ne St. Roses Senior High School wɔ Akwatia, sɛdeɛ ɛteɛ biara na ne nyinaa wɔ Ghana Apueeɛ Mantam mu. Afei ɔkɔɔ so kɔɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so wɔ hɔ a onyaa abodin krataa wɔ nnuruyɛ mu ne abodin krataa a ɛkorɔn wɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia mu nnuruyɛ mu. Ɔwɔ PhD wɔ Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia Ho Nnuruyɛ mu wɔ Bergen Sukuupɔn mu wɔ Norway .

Adwuma[sesa]

Ɔyɛ Ɔbenfoɔ a ɔka ho wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so no Chemistry department a ɔkyerɛ Practical Chemistry, Nuclear/Radiochemistry, Chemistry and Society, ne Petroleum Chemistry. Ɔyɛ Africa Hall of Residence sohwɛfoɔ a atwam ne Asuafoɔ Nsɛm sohwɛfoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ Yiedie so wɔ KNUST. Ɔsom Amanaman Ntam Nyansahu Mfitiase Afe a Ɛhwɛ Nkɔso a Ɛkɔ So Daa So no Boayikuw no muni. Nkansah yɛ obi a na anka ɔyɛ adwumayɛfoɔ panin ne Global Young Academy no alumna. Ɔsan nso yɛ Ghana Geological Survey Authority no board member na ɔyɛ Ghana Academy of Arts and Sciences Fellow.

Abasobɔde ne agyede a wɔde ma[sesa]

Wɔagye Nkansah atom na wɔama no abasobɔde wɔ n’adwuma a nea ɛka ho ne:

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]