Maame

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Maamee Monumental Cemetery of Staglieno

Maamɛ ye ɔbaa a ɔwɔ ba. Maame yɛ mmaa wɔne wɔn wɔ twaka bi, a wɔbɛtumi ayɛ wɔn ba anaasɛ ɛnyɛ wɔn ba. Ɛne sɛ, sɛ yɛgyina saa asɛm yi so a, mmaa bɛtumi ayɛ obi a ɔbɛtumi awo, a ɔtete ne ba (mma), anaasɛ n'awieeɛ tumi firi mma. Saa tebea yi na ɛma obi yɛ maame. Maame a ɔda saa nkyekyɛmu a ɛtɔ so mmiɛnsa no yɛ"ɔbaa a ɔwo" anaasɛ "maame a ɔwɔ ɔno ara mma", ɛmfa ho sɛ oniakorɔ no hwɛ ne mma no anaasɛ ɔhwɛ. Ɔbaa a ɔgyina tebea a ɛtɔ so mmienu bɛtumi ayɛ maame a ɔkɔgye mmɔfra firi afoforɔ hɔ, na na wɔn a wɔgyina hɔ ma nea ɛdikan ne nea ɛtɔ so mmiɛnsa no yɛ "surrogacy mother". Maame a ɔte mmɔfra yɛ ɔbaa a ɔyɛ mmɔfra bi awofoɔ nanso kɔtee wɔn. Maame a ɔyɛ mmɔfra bi na yɛ ɔbaa a ɔno ankasa na ɔwoo mmɔfra no na hyia a ɔne obi hyia mu. Maame a ɔwoo mmɔfra no bɛtumi anya asɛdeɛ wɔ mmɔfra a ɛnyɛ ɔno na ɔtetee wɔn, ɛbi te sɛ ɔboa wɔn wɔ sika fam. Putative mother yɛ ɔbaa bi a ayɔnkofa a ɛda ɔne abɔfra bi ntam no wɔ nnyinasoɔ nanso yɛnhunu mu nokware. Maame a ɔyɛ abanoma bi na yɛ ɔbaa bi a waware abɔfra bi agya na wayɛ abusua, nanso ɔnyɛ n'asɛdeɛ sɛ awofoɔ ma abɔfra no. Nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ maame asɛdeɛ no nyɛ adeɛ a ɛwɔ baabiara, na maame nkyerɛkyerɛmu bɛtumi asesa ɛgyina sɛdeɛ yɛn mpɔtam, amammerɛ ne ɔsom bɛkyerɛ mu. Yɛwɔ edin ne tebea bi ma mmarima: wɔn a wɔyɛ agya no nyɛ ɛna asɛdeɛ. Mmaa ne mmarima nyɛ wɔn a wawo a wɔhwɛ mma.Wɔbɛtumi afrɛ mmaa a wɔyem sɛ obi a ɔbɛyɛ maame anaasɛ ɛna, ɛwɔm sɛ wɔmfa saa edin no mma agya anaasɛ obi a wakɔte abɔfra.[1][2] Wɔfrɛ ɛkwan a obi fa so yɛ maame no "matrescence".[3] Edin nkyerɛkyerɛmu "maternal" kyerɛ maame na "paternal" kyerɛ agya. Adeyɛ "to mother" kyerɛ sɛ wo wo anaasɛ wohwɛ abɔfra so, ɛno na yɛnya firii edin "mothering" mu.[4]Edin ahodoɔ a ɛne no sɛ no bi nemom (mama, mommy), mum (mummy), mumsy, mamacita (ma, mam) ne mammy. Ɔbaa a mmɔfra bɛtumi de wɔn ho ato no so no wɔfrɛ no obi a ɔwɔ ɛna su "mother-figure".

Maame Ahodoɔ[sesa]

Biological mother[5]

[6]Maame a ɔwoo mmɔfra bi wɔ nnipa afam, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmoa bi mu nso, no yɛ sɛ ɔbaa bi nkosua anyini. Ɔbaa bɛtumi ayem sɛ ɔne barima hyiamu a berɛ a ne nkosua no anyini. Wɔ mmaa a wasɔre mu no, nsabuo a ɛdikan no hyɛ aseɛ wɔ mfeɛ du mmienu anaa du mmiɛnsa. [5]Abɔfra no nyini firi zygote nom, a ɛbɛyɛ embryo. Abɔfra no nyini wɔ ɔbaa no awieeɛ mu kɔpem sɛ ɛbɛsane abɔfra. Wɔ nnipa fam no, abɔfra no tena yafunu no mu bɛyɛ bosome nkron, ɛno akyire no na awoɔaka ɔbaa no ama no awo. Ɛnyɛ saa na ɛteɛ Mpempii, yɛwo mmɔfra no bi ansana wɔn berɛ aduru, ɛbi berɛ twamu anaasɛ sɛ wanwo abɔfra no a ɛneɛ na abɔfra no nyiniɛ. Mpempii no, sɛ wɔwo abɔfra no a, maame no nya nofosuo berɛ a ɔhwɛ abɔfra no. Maame no nofosuo no boa ma ne nkwammoa no yɛ den, ɛna ɛsane yɛ ahoɔden nnuro ma abɔfra a yɛawo no foforɔ kɔpem sɛ wɔbɛtumi adi aduane ankasa; wɔma mmɔfra a wɔn ani afi ne wɔn a wɔsesa no nofosuo ne aduane foforɔ, wɔde saa aduane no ma wɔn berɛ a wanya abosome nsia. [6]Sɛ obi nni abɔfra wɔfrɛ no"childlessness". Sɛ obi nni mma ɔbɛtumi ayɛ ɔno ara, mpɔtam no anaasɛ amanyɔsɛm bi nti. Sɛ obi nni ba a ɛbɛtumi afiri ɔno ara ne pɛ mu,anaasɛ ɔbɛtumi ayɛ apomuden nsɛnsɛm bi anaa mantam nsɛm bi. Ɛfiri obi pɛ mu na ɔyɛ maame, nanso ɛbɛtumi ayɛ sɛ yɛtoo obi monaa na ɛma no yemm. Obi a ɔmpɛsɛ ɔyɛ maame no bɛtumi ayɛ baabi a wɔn amammerɛ hyɛ obi obi ma no ware.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "Archive copy". Archived from the original on 2011-08-15. Retrieved 2022-07-26.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. http://dictionary.reference.com/browse/mother
  3. https://www.nytimes.com/2017/05/08/well/family/the-birth-of-a-mother.html
  4. https://www.merriam-webster.com/dictionary/mother
  5. 5.0 5.1 http://www.medscape.com/viewarticle/589004_3
  6. 6.0 6.1 https://www.nhs.uk/conditions/pregnancy-and-baby/solid-foods-weaning/