Lucy Anin
Appearance
- Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Lucy Anin | |
|---|---|
| Member of the Ghana Parliament for Bechem | |
| Bere 1965–1966 | |
| Odikanfo | New |
| Ananmusini | Constituency abolished |
| Member of the Ghana Parliament for Woman member from the Brong Ahafo Region | |
| Bere 1960–1965 | |
| Odikanfo | New |
| Ananmusini | Position abolished |
| Ne ho asɛm | |
| Awo bere | Lucy Anin 13 June 1939 Gold Coast |
| Ne man | Ghana |
| Amanyɔkuo | Convention People's Party |
Ɔbra ne amanyɔ
[sesa]Anin ka mmaa a wɔdikan yii wɔn kɔɔ marahyɛ badwamu 1960 mu wɔ nhyehyɛeɛ a na wɔfrɛ no 'Representation of the people (women members) Act'. Ɛnti na ɔka ankoantia mmaa 10 a wɔyii wɔn Kitawonsa 27, 1960 maa Convention People's Party no ho.
Ɛno ma ɔyɛɛ marahyɛnin a na onnyiniɛ koraa wɔ marahyɛ badwamu saa berɛ no a na wadi mfeɛ 21. 1965 mu no ɔbɛyɛɛ marahyɛnin maa Bechem mpasuaso. Berɛ a wɔtuu Nkrumah aban no wɔkyeree no too afiase bosome nnwɔtwe berɛ a na ɔnyem. Ɛnnɛ ɔyɛ Convention People's Party no mpaninbadwa ho, na ɔyɛ mmaa du a na ɔka Ghana marahyɛ badwa a edikan no ho, a ɔda so te ase.
Ne nuanom ne Patrick Dankwa Anin a na ɔyɛ Supreme Court atɛnbuanin, amanbuo nkontabunin ɛna na ɔda Ghana Commercial Bank ano; ɛna T. E. Anin nso.
Hwɛ yei nso
[sesa]- List of MPs elected in the 1965 Ghanaian parliamentary election