Legson Kayira

Ɛfi Wikipedia

Legson Didimu Kayira ( c.1942[1] - 14 October 2012[2][3])y3 nwoma twerɛfoɔ wɔ Malawi. Tumbuka ni a ɔgyee n’adesua wɔ Skagit Valley College, University of Washington ne St. Catharine’s College, Cambridge. Ne nwoma ahyaseɛ no hwɛɛ pctee wɔ Malawi kuro nketewa abrabɔ ɛna afei n’atwerɛ yɛ edi akyire yi no dii Hastings Banda amammou no ho fɛw.

NE HO ASƐM[sesa]

Ɔwoo Kayira wɔ Mpala, kuro ketewa bi a ɛwɔ Nyasaland

Legson Didimu Kayira
Awo bere1942
Owu bere14 October 2012
London
AdesuaLivingstonia Secondary School Skagit Valley College, St. Catharine’s University of Washington

atififam(sesei Malawi) na da pɔtee no deɛ wɔn ɛntumi antwerɛ[1]. N’awoɔ akyire ara pɛ no, ne maame kɔtoo no twenee Didimu asubɔnene mu ɛfiri sɛ na ɔntumi mma no biribi nni. Ɔyii no firii mu na wɔ maa no din “Didimu”. Ɔno ara na ɔde brɔfo din “Legson” kaa ne din ho berɛ a ɔwɔ sukuu no. Berɛ a ɔwiee sukuu no, ɔbɔɔ Kayira abaso maa no kwan wɔ Livingstonia ntoasoɔ sukuu a na wɔn nyinasoɔ yɛ “Mɛyɛ ahwɛ” (kasasini a ɛde too ne nwoma a agye din paa no so)[4]. Berɛ a ɔrewie ɛfiri sukuu no mu wɔ afe apem ahankono aduonum nwɔtwe (1958) a na w’adi mfeɛ bɛyɛ du nsia no, ɔyɛɛ ne adwene sɛ ɔkwan korɔ a ɔbɛtumi de ɛnya ne kɔlegy abodin krataa ne sɛ ɔbɛkɔ US aburokyiman mu na ɔyɛɛ nhyehyɛe s3 ɔbɛyɛ sa. Berɛ a ɔduruu Kampala a ɛwɔ Uganda no ɔhunuu Skagit Valley College, Washington state din no wɔ US dɛwubɔ asoeɛ ɛnti myɔfaae na ɔnyaa abasobodeɛ[5]. Kayira tuu anamon bɛboro kwansini mpem ahasa(3000 kilometers) nante kɔɔ Khartoum Sudan a ɛhɔ na ɔkɔ nyaa ne krataa a ɔde bɛtumi atu kwan no, nkorofoɔ a ɔfiri Skagit Valley na boaa sika ano bɛfaa no kɔɔ Washington. Ɔwiee n’adesua wɔ Skagit Valley no, ɔtoaa so kɔ suaa amanyɔsɛm ho adesua ( Political Science) wɔ University of Washington a ɛwɔ Seattle ɛna ɔkɔ suaa abakɔsɛm wɔ Cambridge University wɔ UK. Ɔtoaa so yɛɛ adwuma sɛ ɔbia wɔresɔ no ahwɛ ɛna ɔsane twerɛɛ nwoma bebree[6].


Ne ho asɛm a ɔtwerɛɛ yɛ, Mɛsane asɔ ahwɛ, kɔɔ New York nkrataa mu nnawɔtwe du nsia berɛ a ɔde baa dwa so wɔ afe apem ahankono aduosia nnum (1965)[7].


Ɔde Ngyiresi (England) yɛɛ ne kuro na ɔwuu wɔ London wɔ Ahinime bosome da a 3tɔ so du nnan mfeɛ mpem mmienu ne du-mmienu(14 October, 2012) no mu[3].


Wɔ Ahinime bosome mfeɛ mpem mmienu ne du-nnan (October 2014) no, Amerika adɔe3 kuo bi a ɔfrɛ no “Youth of Malawi” sii mm)fra sukuu w) kuro ketewa bi a ɛwɔ Malawi akuraa bi ase na ɔde Legson Kayira din too so. Legson Kayira mmɔfra sukuu no ne beaɛ kuro mu no nyinaa hyia mu hɔ no yɛ sola- anyinama, baabi a ɔgye osuo a ɛtɔ ne baabi kɛseɛ a ɔhwɛ sene. Wɔ Ahinime bosome da a ɛtɔ so du mmiɛnsa mfeɛ mpem mmienu ne du-nsia (13 October 2016) no, na ɛsɛ sɛ ɔsei Legson nsono wɔ Chimphamba village berɛ na ɔredi ne nkaeɛ da no a na ne mma no wɔ hɔ.

NWOMA BI NOM[sesa]

Anansesɛm[sesa]

The Looming Shadow, Doubleday, 1967.

• Jingala, Doubleday, 1969.

• Things Black and Beautiful, Doubleday, 1970.

The Civil Servant, Longman, 1971.

• "Homecoming", in Young and Black in Africa anthology, Random House, 1971.

• The Detainee, Heinemann, 1974.

Asisɛm[sesa]

I Will Try (autobiography), Doubleday, 1965 - awarded Northwest Non-Fiction Prize.

AKENKAN A ƐKEKA HO[sesa]

Thomas H. Jackson, "Legson Kayira and the Uses of the Grotesque", World Literature Written in English, Vol. 22, No. 2, 1983, pp. 143-151.

BAABI A ME NYAA MMOA FRIIƐ[sesa]

  1. 1.0 1.1 http://www.answers.com/topic/legson-kayira
  2. https://archive.today/20130628035701/http://www.maravipost.com/life-and-style/obituaries/2025-malawian-writer,-academic-legson-kayira-dies-in-exile.html
  3. 3.0 3.1 https://www.legacy.com/obituaries/skagitvalleyherald/obituary.aspx?pid=160758170&__cf_chl_rt_tk=IJmROUeflW5TI805HpUVsUMJi0hom4NTA3sJjMkYVCQ-1685110562-0-gaNycGzNCxA
  4. Legson Kayira (1965), I Will Try (Autobiography), p. 56.
  5. https://web.archive.org/web/20071022140128/http://www.time.com/time/magazine/article/0,9171,873347,00.html
  6. http://www.themodernnovel.org/africa/other-africa/malawi/kayira/
  7. http://www.digitaljournal.com/article/270030