LeafyLife

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Wɔyɛ nyansahufoɔ kuo a wɔn dwuamdie titiriw ne sɛ wɔfa akwan soronko so de yɛ nneɛma a ɛboa yɛn daadaa asetena. Wɔnam nkabom so afa akwan soronko so adi dwuma pii mmerɛ a na wɔwɔ Nairobi Suapɔn mu no. Wɔnam abɛɛfo akwan soronko so de danedane mmofra danta a ɛsɛe yɛn atenayɛ ma no yɛ ahoɔden (energy) anaasɛ ngo (fuel) a yɛtumi de noa nuane. Saa dwumadie yi nso boa ma y3nya tenayɛ a ɛhɔ te.[1]

Abakwasɛm[sesa]

Owura Peter Gachanja (COO), Dennis Wachira (CEO) ne Melvin Kizito (R&D) na wɔtee saa Kenya adumakuo LeafyLife yi. Wɔtee no afe mpem mmienu ne du-nsia mu (2016) wɔ Nairobi, Kenya kuropɔn no mu.[2]

Dwumadie soronko (Innovation)[sesa]

Wɔyɛ adumakuo foforɔ a wɔreyɛ adufra ne ahoɔden ɔkwan pa foforɔ a wobɛtumi de adane danta a ɛnni mfaso biom na ɛresɛe yɛn atenayɛ no ayɛ no biribi foforɔ a ɛbɛba mfasoɔ ama temanmufoɔ. Nne3ma a ɛfiri danta a asɛe na wɔnam abɛɛfo kwan soronko so adanedane no mu ba ne ngo(biofuel) ne nneɛma afoforɔ bi a wotumi de si adan.[3]

Mfasoɔ[sesa]

Dwumadie soronko a Leafylife dwumakuo no redi no de mfasoɔ pii na ɛnam. wɔnam abɛɛfo kwan soronko so de adane danta a wɔde fra mmofra de ayɛ ngo a yɛde sɔ gya de nua aduane. Saa kwan soronko yi aboa ama mframa bɔne a anka ɛfra yɛn mframa mu, na ɛmmoa yɛn nipadua no, ɛnkanka ne yɛn aherawa (lungs) no so ate koraa. Wɔnam saa kwan koro yi ara so aboa de ate mframa bɔne a ɛkɔ wiamu te sɛ "methane gases" ne "carbondioxide" a edi "greenhouse effect" a ɛde "global warming" akotene yie pa ara no so.[4]

Ɔtaa mu akannifoɔ[sesa]

  1. Peter Gachanja (COO)
  2. Dennis Wachira (CEO)
  3. Melvin Kizito (R&D)

Beaeɛ a menyaa mmoa firii yɛ[sesa]

  1. http://www.designindaba.com/articles/creative-work/no-waste-challenge-winner-leafylife-creates-diesel-dirty-diapers
  2. Archive copy, archived from the original on 2021-06-16, retrieved 2022-03-18{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. https://vc4a.com/ventures/leafylife-limited/
  4. ISC3 - International Sustainable Chemistry Collaborative Centre ::Start-up of the month