Laliri George Maban

Ɛfi Wikipedia

Laliri George Maban (wɔwoo no Ɔpɛnimaa da a ɛtɔ so aduonu-num, afe apem, ahankron ne aduonum-nan- 1954.) yɛ Ghana ɔmanyɛfo. Ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Wulensi Mantam no firi 7 Ɔbɛnem 2013 kɔsi 6 Ɔbɛnem 2017.[1][2]

Hon.
Laliri George Maban
Member of the Ghana Parliament
for Wulensi Constituency
Bere
7 January 2013 – 6 January 2017
OdikanfoAlhaji Saani Iddi
AnanmusiniThomas Donkor Ogajah
Ne ho asɛm
Awo bere25 December 1954 (1954-12-25) (age 69)
Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔEP Training College, Bimbilla
N'adwumaPolitician
N'adwumaTeacher

Mfitiase Asetena ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Maban wɔ 25 Ɔpɛnimaa da ɛtɔ so aduoaduomu-num , afe Apem Ahankron ne Aduonum-nan- -954. Ɔfiri Wulensi wɔ Ghana Atifi Fam Mantam mu. Ɔsuaa adeɛ wɔ EP Training College, Bimbilla baabi a ɔnyaa ne Teachers’ Certificate ‘A’ wɔ afe 1979 mu.[1][2]

Adwumayɛ[sesa]

Ansa na ɔrehyɛn amamyɔsɛm mu no, na Maban yɛ Ɔmantam Ntamgyinafoɔ a ɔhwɛ Nhomasua Dwumadibea a Ɛnyɛ Mmara kwan so (NFED) a ɛwɔ Nhomasua Dwumadibea a ɛwɔ Nanumba Anafoɔ Mantam mu no so.[1][2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Maban kɔɔ mmarahyɛbadwafie wɔ wɔ Ɔbɛnem da a 2013 wɔ National Democratic Congress tekiti so. Ɔgyinaa Wulensi Mansin ananmu firi afe 2013 kɔsi afe 2017 berɛ a ɔhweree atenaeɛ no wɔ Thomas Donkor Ogajah a ɔfiri New Patriotic Party mu wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ no mu. Ɔnyaa abatoɔ 11,061 a ɛne Ogajah abatoɔ 14,950.[3]

Wɔ mmarahyɛ bagua mu no, wasom wɔ abadwakuo ahodoɔ mu, a Daa Ahyɛdeɛ abadwakuo ne Adwumayɛ ne Adan abadwakuo.

Ankorankoro asetena[sesa]

Ɔwaree na ɔwɔ mma baakron. Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni ne Katolek Asɔre no muni.

Adwumayɛ[sesa]

  • Ɔmantam Nkitahodi a ɛwɔ NFED – Nanumba Anafo Mantam Wulensi.[1]
  • Nhomasua ho ɔbenfoɔ.[1]

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 Maban, Laliri George (in American English), retrieved 2023-11-05
  2. 2.0 2.1 2.2 Peace FM, 2016 Election - Wulensi Constituency Results, retrieved 2023-11-05
  3. Peace FM, 2016 Election - Wulensi Constituency Results, retrieved 2023-11-05