Lɔre kwan

Ɛfi Wikipedia

Lɔre kwan yɛ kwan tea bi a lɔre ne nnipa fa so. Sɛ yɛyi borɔno so kwan to hɔ a, lɔre kwan so mfasoɔ paa ara ne sɛ ɛde nnips firi baabi kɔ baabi foforɔ. Yɛwɔ Lɔre kwan ahodoɔ pii a ɛbi ne, parkways, avenues, controlled-access highways (freeways, motorways, ne expressways), tollways, interstates, highways, thoroughfares, ne local roads. Esu bi a lɔre kwan wɔ ne include lanes, baabi a nnipa fa(pavement), lɔre kwan(carriageways), medians, shoulders, verges, bike paths (cycle paths), ne shared-use paths.

Asekyerɛ[sesa]

Abakɔsɛm kyerɛ sɛ na lɔre kwan pii yɛ kwan a nnipa nim a wamfa mmara mu na ɛyɛɛ.[1] Organization for Economic Co-operation and Development (OECD) kyerɛ lɔre kwan mu sɛ " kwan tea bi a yɛde di nkitaho (kwan a yɛfa so kɔ baabi) a ɛnyɛ keteke anaasɛ wiemhyɛn na ɛfa so na mmom ɛhyɛn a wɔfa brege, amena a ɛhyɛn tumi fa mu wɔ asaase ase, ahyiaeɛ so, twene ne ɛtoɔ kwan.[2] Eurostat, ITF ne UNECE Glossary for Transport Statistics Illustrated kyerɛɛ lɔre kwan mu sɛ" ɛyɛ kwan tea a yɛde di nkitaho (kwan a yɛfa so kɔ baabi" a abue ama kaa a asa so tee wɔ badwam a ɛhyɛn na ɛfa so. Lɔre kwan tumi fa borɔno , twene, amena a ɛhyɛn tumi fa so, nnoɔma bi a wahyehyɛ a ɛboa ma hyɛn fa so, ahyiaeɛ so. Ɛtoɔ kwan nso ka ho. Nea ɛnka ho yɛ kontwa kwan.[3]1968 Vienna Convention a ɛhwɛ kaa ɛsa so tee kyerɛ Lɔre kwan mu sɛ beaɛ naa ɛkwan a ɛda hɔ petee a ɛma kaa fa so tee.[4] Wɔ nkuro akɛseɛ mu no, lɔre kwan tumi dane firi kuro anaa nkuraseɛ na na wafrɛ no borɔno so kwan, a ɛdi dwuma mmienu sɛ kwan a ɛbui ma kuro akɛseɛ ne kwantenpɔn.[5] Ɛnnɛ Lɔre kwan na da so kama, na wayɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a akwantuo bɛyɛ krabɛhwɛ.[6]

Australia

Asoeɛ a ɛhwɛ lɔre kwan mmara so, (

National Transport Commission Road Transport Legislation 20) ɔfa a ɛtɔ so mmienu,ne nkyekyɛmu baako kyerɛɛ Lɔre kwan wɔ Australia mu sɛ ' baabi a a abui ama amansan a ɛwɔ no dwuma bi a adi sɛ ɛma wɔtwe kaa ne moto wɔ hɔ'.Bio, ɛkyerɛ mu sɛ (ne titire kwan no baabi a ɛmfa kwan no so) no baabi a ayɛ sɛ ɔkwan a ebi ne ahabanmono a ɛte ɛne kwan no ntam, baabi a yɛayɛ ama amansan sɛ wɔntwe wɔn ahyɛn na wɔmfa wɔn ahyɛn nsi.[7]6


New Zealand

Wɔ New Zealand no, lɔre kwan ho nkyerɛaseɛ no so wɔ mmara a nnipa nim mu a statutory nkyerɛkyerɛmu kyerɛ sɛ ɛyɛ beaeɛ a amansan wɔ ho kwan, sɛ n'asɛdeɛ anaasɛ ɛnte saa. Ɛpo nkyɛn, baabi a amansan de ɔn kaa si (sɛ mpo ɛyɛ ankorankorɛ deɛ a), River need, Road shoulders(verges), wharves ne twene ka ho.  Nanso lɔre kwan nkyerɛaseɛ ma aponkyibaa titire no akwansideɛ bɛtumi aba ho a ɛbɛ si ɔhaw no kwan.

United Kingdom

Wɔ United Kingdom, Highway COde de nhyehyɛeɛ bi ba maa  "wɔn a wɔfa lɔre kwan so", nanso kwantenpɔn ne lɔre  kwan reyɛ asɛ. Engresi mmara nti, Highway Act 1980, a ɛfa England ne Wales na Scotland anaasɛ Northern Ireland nka ho,no, lɔre kwan yɛ " kwantenpɔn bi  tenten  anaasɛ Lɔre kwan foforɔ bi a amansan nya mu kyɛfa a ɛkwan no twene wɔ so".Ebi ne baabi a nnipa fa, bridleway ne cycle tracks ne ankorankorɛ beaɛ a kwan ne baabi a wɔde wɔn kaa si wɔ. Vehicle ExciseDuty, Lɔre a ɛfa aban kwan no so bo bi tua ɛtoɔ.

Lɔre kwan no nkyerɛaseɛ no gyina kwantenpɔn nkyerɛaseɛbso; yɛnni mmara kwan bi a yɛfa so kyerɛkyerɛ kwantenpɔn mu wɔ Act a ɛho wɔ mfasoɔ no so. 1984 asɛnnie nkorabata baako a yɛde no se" asaase  a wɔyɛ kwan to ma amansan no yɛfrɛ no kwantenpɔn; ɛwɔm sɛ kwantenpɔn pii no wadane no Lɔre kwan deɛ ɛna kwan pii no nso wɔ baabi a nnipa fa so, ɛnyɛ nsonsonoeɛ a ɛda kwan mu no na ɛma yɛhunu sɛ kwan no wɔ hɔ anaasɛ ɛnni hɔ. Mmara kwan a wɔfa so hwɛ ne sɛ ɛnam sɛ abakɔsɛm mu no kwantenpɔn no bi ne baabi a nnipa fa, bridleway,driftway ne nea ɛkeka ho nti, seisei ɛbɛtumi ɛbɛtumi akyerɛ sɛ ɛkwan a ɛma moto fa so ɛna ɛkwan papa nso bɛtumi akyerɛ baabi a ɛso.

United States

Wɔ United States no, mmara nkyerɛkyerɛmu no da nso firi aban  kwan  a ɛno wɔn a wɔwɔ aban mu nkoa na ɛfa so, ne ankorankorɛ kwan a ankorankorɛ na ɛdi so.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://archive.org/details/waysofworldhisto00laym
  2. http://stats.oecd.org/glossary/detail.asp?ID=4005
  3. http://www.unece.org/fileadmin/DAM/trans/main/wp6/pdfdocs/glossen4.pdf
  4. http://www.unece.org/fileadmin/DAM/trans/conventn/crt1968e.pdf
  5. http://dictionary.reference.com/help/faq/language/d01.html
  6. https://web.archive.org/web/20070927063243/http://www.transport.gov.za/library/docs/rifsa/infor.html
  7. http://www.legislation.gov.au/Details/F2016C00716/Html/Text