Kweku Tanikyi Kesse

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Kweku Tanikyi Kesse
MP for Evalue-Gwira constituency
Bere
January 2013 – January 2017
ƆmanpanyinJohn Dramani Mahama
OdikanfoCatherine Afeku
AnanmusiniCatherine Afeku
Ne ho asɛm
Awo bere7 July 1967 (1967-07-07) (age 56)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
N'adwumaPolitician

Kweku Tanikyi Kesse yɛ Ghana mfiridwumayɛfoɔ ne amammuifoɔ.[1][2]Ɔyɛ kanee Mmarahyɛ Badwa no mu ni a na ɔhwɛ Evalue Gwira abatoɔ mpesua so a, na ɔyɛ National Democratic Congress amannyɔkuo a ɛwɔ Ghana no mu ni. Ɔdii nkoguo wɔ ne sanba a na ɔpɛ sɛ ɔsan ba bio no mu maa Catherine Afeku dii nkunim wɔ afe 2016 mmarahyɛ Badwa abatoɔ mu a na wadi kan adi Catherine so nkonim wɔ afe 2012 mmarahyɛ Badwa abatoɔ no mu[1]

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Kesse wɔ July bosome no da a ɛtɔ so nson (7) wɔ afe 1967. Ɔfiri Bamiankor, kuro bi a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ Mantam mu. Ɔnyaa ne Master of Science abodin krataa wɔ Automatic Control Engineering mu wɔ Universidad Central de Las Villas, Cuba wɔ afe 1994 mu.[2]

Abrabɔ[sesa]

Kesse yɛɛ adwuma wɔ Tema Oil Refinery sɛ Projects Engineer firi afe 1997 kɔ si afe 2002. Akyiri yi ɔde ne ho kɔbɔɔ RAM Engineering Limited baabi a ɔyɛɛ adwuma sɛ Project Manager firi afe 2004 kɔsi afe 2009. Efi afe 2009 kɔsi afe 2012 no, Kesse yɛ KABK Engineering Limited no kwankyerɛfoɔ panin ][3] .

Amanyɔsɛm[sesa]

Kesse kɔɔ mmarahyɛ Badwa mu wɔ Ɔbɛnem bosome no da a ɛtɔ so nson (7) wɔ afe 2013 a ɔgyinaa Evalue-Gwira mansini no ananmu wɔ National Democratic Congress tekiti so. Ɔhweree atenaeɛ no wɔ afe 2016 mu maa Catherine Afeku a ɔfiri New Patriotic Party[2][3]

N'asetena mu nsɛm[sesa]

Kesse aware a ɔwɔ mma mmiensa. Ɔda ne ho adi sɛ ɔyɛ Kristoni.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 Former CPP MP Kojo Armah laid to rest (in English), 2014-07-14, retrieved 2023-10-01
  2. 2.0 2.1 MPs (in American English), retrieved 2023-10-01