Kwata

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Nhwɛsoɔ:Infobox disease 'Kwata, a wͻsan frε no Hansen yare'HD, yε yare a emu yε den a mmoawa Mycobacterium leprae[1] ne Mycobacterium lepromatosis de ba.[2] Mfiase no, yare yi nna ne ho adi na ebetumi ayε saa mfe anum kosi aduonu.[1] Yare yi nsεnkyerεnne no bi ne ntini a εsoasoaakwaa ahorow a εne adwene yε adwuma a adwene no ne akyi dompe nka ho, beae a mframa fa wura nipaduam san fi mu, honam no ani, ne ani.[1] Nea etumi fi mu ba ne εyaw a obi nte a εma ͻhwere akwaa ahorow esiane pira a εtoatoaso anaa ekuru a wonhu.[3] Mmerεwyε ne ani a enhu ade yiye nso betumi aba.[3]

Kwata trεw wͻ nipa mu. Wogye di sε eyi si denam εwaw anaa obi a ͻwͻ yare yi hwenem nsu a εka afoforo.[4] Mpεn pii no, kwata taa yε wͻn a ehia wͻn na wogye di sε εtrεw denam obi hwenem nsu so.[3] Nea εne nipa pii gyidi bͻ abira no, εnyε nea etumi trεw ntεmntεm.[3] Yare ahorow abien no gyina mmoawa ahorow a εwͻ nipadua no mu: paucibacillary ne multibacillary.[3] Nea εma nsonsonoe ba abien no ntam ne kͻla papa, honam ani mmeaemmeae bi a awu, a paucibacillary yε anum anaa nea ennu saa na multibacillary yε nea εboro anum.[3] Wͻyε emu nhwehwεmu denam mmoawa a wotumi de acid de hu wͻn wͻ honam no mu nhwehwεmu a wͻyε anaa DNA no a wohu denam nhwehwεmu a εno ara toatoa so so.[3]

Wotumi sa kwata denam ayaresa a wͻde nnuru ahorow di dwuma so (MDT).[1] Wͻsa paucibacillary kwata denam aduru a wͻfrε no dapsonenerifampicin a wͻde di dwuma asram asia.[3] Wͻsa multibacillary kwata denam rifampicin, dapsone, ne clofazimineasram dumien.[3] Ayaresa ahorow yi kͻso a wontua hwee wͻ asoεe a εne Wiase Akwanhosan Ahyehyεde.[1] Wotumi de nnuru a ekum mmoawa binom nso di dwuma.[3] Wiase nyinaa wͻ afe 2012 mu no, nipa a wonyaa kwata a emu yε den dodow bεyε mpem ͻha aduowͻtwe akrͻn, na eyi aba fam fi mfe 1980 mu a na εyε ͻpepem ahanum ne mpem ahanu.[1][5][6] Nipa afoforo a wonyaa bi yε mpem ahanu aduasa.[1] Nipa afoforo a wonya no fi aman dunsia mu, a emu bεboro fa fi India.[1][3] Wͻ mfe aduonu a atwam no, nipa a wonyaa bi ͻpepem dunsia wͻ wiase nyinaa na woasa wͻn yare.[1] Afe biara no, bεyε nipa ahanu na wonya bi wͻ United States.[7]

Kwata ahaw adesamma mfe mpempem pii ni.[3] Yare no nyaa ne din fii Latin kasamu asεmfua lepra, a εkyerε 'honam a ewu', bere a "Hansen yare" no fi oduruyεfo Gerhard Armauer Hansen.[3] Nipa a wͻanya bi a wͻde wͻn to wͻn ho da so kͻ so wͻ mmeae te sε India[8]China[9] ne Afrika.[10] Nanso, wͻagyae nhyehyεe yi esiane sε wͻahu sε kwata nyε nea εtrεw ntεmntεm.[10] Akwatafo a wobu wͻn animtiaa yε nea abata kwata ho wͻ abakͻsεm mu, na eyi kͻ so ara ma εyε den sε obi a wanya bi bεka ho asεm na wanya ayaresa ntεm.[1] Ebinom te nka sε asεmfua kwatani/kwatafo mfata, na wͻbεpε kasasin "nipa a kwata ahaw wͻn" mmom.[11] Wiase Da a wͻde kae Kwata yε nea wͻhyεε ase afe 1954 mu de atwe adwene aba wͻn a kwata ahaw wͻn no so.[12]

Nsεm afoforo[sesa]

  1. 1.00 1.01 1.02 1.03 1.04 1.05 1.06 1.07 1.08 1.09 "Leprosy Fact sheet N°101". World Health Organization. Jan 2014.
  2. "New Leprosy Bacterium: Scientists Use Genetic Fingerprint To Nail 'Killing Organism'". ScienceDaily. 2008-11-28. Retrieved 2010-01-31.
  3. 3.00 3.01 3.02 3.03 3.04 3.05 3.06 3.07 3.08 3.09 3.10 3.11 3.12 Suzuki K, Akama T, Kawashima A, Yoshihara A, Yotsu RR, Ishii N (February 2012). "Current status of leprosy: epidemiology, basic science and clinical perspectives". The Journal of dermatology. 39 (2): 121–9. doi:10.1111/j.1346-8138.2011.01370.x. PMID 21973237.{{cite journal}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  4. "Hansen's Disease (Leprosy) Transmission". cdc.gov. April 29, 2013. Retrieved 28 February 2015.
  5. "Global leprosy situation, 2012". Wkly. Epidemiol. Rec. 87 (34): 317–28. August 2012. PMID 22919737.
  6. Rodrigues LC, Lockwood DNj (June 2011). "Leprosy now: epidemiology, progress, challenges, and research gaps". The Lancet infectious diseases. 11 (6): 464–70. doi:10.1016/S1473-3099(11)70006-8. PMID 21616456.
  7. "Hansen's Disease Data & Statistics". Health Resources and Services Administration. Retrieved 12 January 2015.
  8. Walsh F (2007-03-31). "The hidden suffering of India's lepers". BBC News.
  9. Lyn TE (2006-09-13). "Ignorance breeds leper colonies in China". Independat News & Media. Archived from the original on 2010-04-08. Retrieved 2010-01-31. {{cite news}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)
  10. 10.0 10.1 Byrne, Joseph P. (2008). Encyclopedia of pestilence, pandemics, and plagues. Westport, Conn.[u.a.]: Greenwood Press. p. 351. ISBN 9780313341021.
  11. editors, Enrico Nunzi, Cesare Massone, (2012). Leprosy a practical guide. Milan: Springer. p. 326. ISBN 9788847023765. {{cite book}}: |last1= has generic name (help)CS1 maint: extra punctuation (link)
  12. McMenamin, Dorothy (2011). Leprosy and stigma in the South Pacific : a region-by-region history with first person accounts. Jefferson, N.C.: McFarland. p. 17. ISBN 9780786463237.

Nkyekyem:Gao lazamankwala