Kwaku the Traveller

Ɛfi Wikipedia

"Kwaku the Traveller" yɛ dwom a Ghana drill nnwontofo Black Sherif too. Wɔyii no adi wɔ 31 Oforisuo 2022, ɛnam Blacko, ne Empire so. Black Sherif na ɔkyerɛwee "Kwaku the Traveller", na Joker Nharnah na ɔyɛɛ produsɛn no.