Kwabena Owusu Aduomi

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Kwabena Owusu Aduomi (wɔwoo no 17 Ɔpɛpɔn 1960) yɛ Ghana amanyɔni na ɔyɛ Ghana mmrahyɛbagua no muni. Ɔyɛ New Patriotic Party (NPP) no muni ne ɔmanpanyin abadiakyiri a ɔhwɛ akwan ne akwan akɛse so wɔ Ghana.

Mfitiase asetra[sesa]

Wɔwoo Aduomi wɔ 17 September 1960 wɔ Ejisu-Besease, Ashanti Mantam mu wɔ Ghana.

Ankorankoro asetra[sesa]

Aduomi da ne ho adi sɛ ɔyɛ Kristoni ne Assemblies of God Asɔre no muni. Ɔwaree na ɔwɔ mma baanum.

Nwomasua[sesa]

Ɔnyaa ne bachelors of science abodin krataa wɔ civil engineering mu wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology wɔ afe 1985.

Adwuma[sesa]

Aduomi bɛyɛɛ nsiesie mfiridwumayɛfoɔ wɔ akwan akɛseɛ sohwɛfoɔ a ɛwɔ Temale wɔ afe 1987–1994 mu, afei ɔkɔɔ so yɛɛ nnwuma sohwɛfoɔ wɔ akwan akɛseɛ sohwɛfoɔ wɔ atɔeɛ mantam mu wɔ afe 1994–2002 mu. Ɔbɛyɛɛ ɔmantam kwankyerɛfoɔ a ɔhwɛ akwan akɛseɛ so wɔ Ashanti mantam mu wɔ afe 2002–2008 mu. Afei ɔbɛyɛɛ Ghana republic a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so 6 no muni.

Amammui asetra[sesa]

Wɔpaw no sɛ MP maa Ejisu Mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana wɔ afe 2009 mu. Wɔpaw no sɛ ɔmmɛka mmarahyɛ boayikuw a ɛka ho ne Mpɔtam Aban ne Nkuraase Nkɔso Boayikuw no ho.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]