Kwabena Owusaduomi

Ɛfi Wikipedia

Kwabena Owusu Aduomi (wɔwoo no 17 Ɔpɛpɔn 1960) yɛ Ghana amanyɔfoɔ na ɔyɛ Ghana Mmarahyɛ Bagua no muni. Ɔyɛ New Patriotic Party (NPP) no muni na ɔyɛ ɔmanpanyin abadiakyiri a ɔhwɛ Akwan ne Akwan akɛse so wɔ Ghana.[1] [2] [3] [4] [5]

Abrabɔ Ashasiɛ[sesa]

Wɔwoo Aduomi wɔ 17 Ɔpɛpɔn 1960 wɔ Ejisu-Besease, Ashanti Mantam mu wɔ Ghana.[6]

Ankorankora asetena[sesa]

Aduomi da ne ho adi sɛ ɔyɛ Kristoni ne Assemblies of God Asɔre no muni. Ɔwaree na ɔwɔ mma baanum.[6]

Nwomasua[sesa]

Ɔnyaa ne nyansahu mu abodin krataa wɔ aban mfiridwuma mu wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so wɔ afe 1985 mu.[6]


Adwuma[sesa]

Aduomi bɛyɛɛ nsiesie mfiridwumayɛfoɔ wɔ akwan akɛseɛ sohwɛfoɔ a ɛwɔ Temale wɔ afe 1987–1994 mu, afei ɔkɔɔ so yɛɛ nnwuma sohwɛfoɔ wɔ akwan akɛseɛ sohwɛfoɔ wɔ atɔeɛ mantam mu wɔ afe 1994–2002 mu. Ɔbɛyɛɛ ɔmantam kwankyerɛfoɔ a ɔhwɛ akwan akɛseɛ so wɔ Ashanti mantam mu wɔ afe 2002–2008 mu. Afei ɔbɛyɛɛ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so 6 no muni.[7]

Amammuisɛm[sesa]

Wɔpaw no sɛ MP ma Ejisu Mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana wɔ afe 2009. Wɔpaw no sɛ ɔmmɛka mmarahyɛ boayikuw a ɛka ho ne Mpɔtam Aban ne Nkuraase Nkɔso Boayikuw no ho.[7]

Bɛbia mmoa efiri[sesa]

  1. "Kwabena Owusu Aduomi", Wikipedia (in English), 2023-05-27, retrieved 2023-10-02
  2. "Kwabena Owusu Aduomi", Wikipedia (in English), 2023-05-27, retrieved 2023-10-02
  3. "Kwabena Owusu Aduomi", Wikipedia (in English), 2023-05-27, retrieved 2023-10-02
  4. "Kwabena Owusu Aduomi", Wikipedia (in English), 2023-05-27, retrieved 2023-10-02
  5. "Kwabena Owusu Aduomi", Wikipedia (in English), 2023-05-27, retrieved 2023-10-02
  6. 6.0 6.1 6.2 "Kwabena Owusu Aduomi", Wikipedia (in English), 2023-05-27, retrieved 2023-10-02
  7. 7.0 7.1 "Kwabena Owusu Aduomi", Wikipedia (in English), 2023-05-27, retrieved 2023-10-02