Kunlé Adeyemi

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Kunlé Adeyemi  (wɔwoo no 7 Oforisuo 1976) yɛ adansi mu nimdefo a ofi Nigeria. Adeyemi na ɔde adwumakuw NLÉ sii hɔ. NLÉ yɛ adansi adwuma a ɛwɔ Amsterdam, wɔ Netherlands.

Ne mmofraberem ne sukuukɔ[sesa]

Wɔwoo Adeyemi 7 Oforisuo 1976 wɔ Kaduna, kurow a ɛwɔ Nigeria atifi fam.[1] Osuaa adansi ho nimdeɛ wɔ University of Lagos in Lagos, Nigeria.[2]

N'adwuma[sesa]

Adeyemi yɛɛ adwuma wɔ Office for Metropolitan Architecture (OMA).[2] Bere a ɔwɔ OMA no, ɔne Rem Koolhaas, nea ɔda adwuma no ano no boom no yɛɛ adwuma. Wɔboom yɛɛ adwuma wɔ adansi nnwuma ahorow wɔ Europe, Asia, Africa ne Middle East.[2] Akyiri no ɔde n'ankasa adansi ho nimdeɛ adwuma sii hɔ. Ɔfrɛɛ n'adwuma no NLÉ wɔ Amsterdam, wɔ Netherlands.[3][4]

Ade foforo a w'ayɛ[sesa]

Adeyemi yɛ obi a wonim no sɛ ɔhyehyɛe na osii Makoko floating school.[5] Ɔde kurom hɔ nneɛma na esii dan no.[6] Adeyemi de nádwene si nkurow a ɛrekɔ n'anim wɔ wiase. Afe 2013 mu no, Adeyemi kasa faa African Water Cities Project, titiriw no Makoko Floating School ne sɛnea ohu adansi wɔ Africa daakye.[6]

Adeyemi san kyerɛ adansi wɔ sukuupɔn ahorow. Ɛhɔ no ɔkasa fa adansi a wobesisi wɔ Africa ha a ɛbɛboa yɛn daakye. Ɔsan kaa LafargeHolcim Awards jury ma Middle East Africa.

Beae a minyaa mmoa firii[sesa]

  1. https://www.nytimes.com/2021/06/22/climate/architecture-environment-Kunle-Adeyemi.html
  2. 2.0 2.1 2.2 https://www.holcimfoundation.org/Experts/kunle-adeyemi
  3. https://thearchitectsworkshop.com/kunle-adeyemi/
  4. https://aap.cornell.edu/news-events/kunl-adeyemi-african-water-cities
  5. https://edition.cnn.com/2015/01/13/world/o2w-profile-kunle-adeyemi/index.html
  6. 6.0 6.1 https://www.designindaba.com/videos/interviews/kunl%C3%A9-adeyemi-we-are-living-interesting-times-africa