Krobo Edusei

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Krobo Edusei (Wɔ woo no December da ɛtɔ so 26, afe 1914, Owui February da ɛtɔ so 13, afe 1984) Na ɔye Ghanani amanyɔni ne Kwame Nkruma aban no atitriw no mu baako. Na ɔye obi a w’agye din, obi ɔka n’adwen ne Asanteni kunini ɔkandifoɔ a ɔpere pe nkankoro ma Ghana fawohodie dwumadie, na ɔboaboa asantefoo anɔ ma Nkrumah fahodie dwumadie ahorɔw. ɔsoom se soafo a onni asoe3, soafo a ɔhwe akwantuo ne nkithodie so na afei, soafoa ɔhwe afisem.

Nkrumah akyi- PNP ne Limann[sesa]

Wotuu Nkrumah aban gui no, wɔ de Edusei too afiase, nonso wɔgyaee no akyire. ɔkɔɔ so de no ho hyɛɛ amanyɔsɛm mu na onyaa nsunsuanso wɔ atitiriw a na wodi amanyɔkuo People National Party (P N P) anim no so, amanyɔkuo a efirii Nkruma amanyɔkuo CPP mu bae, na bere a PNP dii nkunim wɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ Nkruma akyi nea ɛtɔ so mienu no (Dr. Kofi Abrefa Busia na odii ne edikan no mu nkunim) Edusei bɛyɛɛ obi a ɔwɔ tumi wɔ Liman aban no mu. Bre a wotuu Liman aban no gui wɔ afe 1981 mu no, wɔ de Edusei too afiase biom, wɔ yi no afe 1983 na owui nna kakra bi akyi esiane asikyire yareɛ a onyae no..

Abusua[sesa]

Krobo Edusei waree mprensa ma no wɔ mma bebree ma wɔn mu pii yɛ nnwuma ahorɔw wɔ Ghana. Ne mma no mu nea wonim wɔn ne ɔdefo Ghanani dwumayɛfo a ɔwɔ hyensibea, Yaw Krobo Edusei, Lucy Edusei a na ɔyɛ adwumakuo SNIIT mmara kwankyerefo ne kane Coca cola adwumakuo no mu mpanyinfoɔ no mu baako, Comfort Emden ne Catherine Krobo Edusei a ɔyɛ adwumakuo Eden Tree no wura.

Nkekaho[sesa]

Nhwɛsoɔ:S-start

Nhwɛsoɔ:S-off Nhwɛsoɔ:S-new Nhwɛsoɔ:S-ttl Nhwɛsoɔ:S-non Nhwɛsoɔ:S-bef Nhwɛsoɔ:S-ttl Nhwɛsoɔ:S-aft Nhwɛsoɔ:S-bef Nhwɛsoɔ:S-ttl Nhwɛsoɔ:S-aft Nhwɛsoɔ:S-bef Nhwɛsoɔ:S-ttl Nhwɛsoɔ:S-aft Nhwɛsoɔ:S-end