Kraman yare

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Nhwɛsoɔ:Merge Nhwɛsoɔ:Infobox disease Kraman yare yɛ Yare Mmoawa a ɛde encephalitis, kyerɛ sɛ adwene no a baabi ahono wͻ nipa ne mmoa afoforo mu.[1] Mfiase nsɛnkyerɛnne bi ne ahoͻhyew ne obi ho a ɛyɛ no dɛ boro so.[1] Nsɛnkyerɛnne binom a edi eyi akyi ne: ahokeka, anigye mmoroso, nsu a obi suro , nipadua akwaa a entumi nkeka ne ho, adwenemhaw, ne nim a onnim nea ɛrekͻ so .[1] Bere a nsɛnkyerɛnne no ada adi awie no, mpɛn pii no kraman yare taa kowie owu mu.[1] Mpɛn pii no ɛtaa di asram biako kosi abiɛsa fi bere a obi nya yare no kosi bere a nsɛnkyerɛnne no da adi no. Nanso, bere yi betumi ayɛ nea ennu nnawͻtwe biako kosi nea ɛboro afe biako.[1] Bere dodow a ebedi no gyina bere a mmoawa no de bedu adwene no ne akyi dompe no mu.[2]

Nea ɛde ba ne sɛnea wohu[sesa]

Nipa taa nya kraman yare fi mmoa afoforo ho. Wotumi de kraman yare ma bere a aboa a ͻwͻ bi tiw anaa ͻka aboa foforo anaa nipa no.[1] Ntasu a efi aboa a wanya bi a ɛka aboa anaa nipa foforo nso betumi ama wanya yare yi bi.[1] Mpɛn pii no, nipa a wonya yare yi taa nya fi kraman a waka wͻn no.[1] Wͻ aman a nkraman a wͻwͻ yare yi bi dͻͻso wom no, nipa a wonya yare yi bi no ͻha mu nkyekyem aduokrͻn akrͻn na wonya fi kraman a waka wͻn no.[3]Amɛrika aman mu no , ampan a waka obi na ɛtaa de yare yi ma nipa, na nipa a wonya bi a wonnu ͻha mu nkyekyem anum na wonya fi kraman a waka wͻn mu.[1][3] Ɛyɛ den sɛ nkura ne mmoa a wotete saa no benya yare yi.[3] Nea ɛne mmoawa a wͻde kraman yare ba no nam so kͻ adwene no mu . Bere a nsɛnkyerɛnne no afi ase nkutoo na wobetumi ahwehwɛ yare yi mu ahu.[1]

Sɛnea Wosiw ano ne ayaresa[sesa]

Wͻnam mmoa a wͻhyɛ wͻn so ne nsu a wͻde siw yare kwan nhyehyɛe ahorow so brɛ yare yi ase wͻ aman pii mu.[1] Wͻhyɛ nkuran sɛ wͻde nsu a wͻde siw yare kwan no bɛwͻ wͻn a wobetumi anya bi no paane. Nipa a wobetumi anya bi ne wͻn a wͻwͻ mmeae a mpan wͻ anaa wodi mmere pii wͻ mmeae a yare yi abu so.[1] Ɛdefa nipa a wobetumi anya yare yi no, nsu a wͻde siw kraman yare ano ne ɛtͻ mmere bi a nipaduam akode taa siw yare yi kwan sɛ onipa no nya eyi ansa na nsɛnkyerɛnne no afi ase a.[1] Beae a aboa no aka anaa watiw no a wͻde nsu ne samina bɛhohoro simma dunum, povidone iodine , betumi aboa asiw yare yi kwan.[1] Nnipa kakraa bi a wͻanya yare no ho nsɛnkyerɛnne no na watena ase. Eyinom yɛ wͻn a wͻanya ayaresa a ɛkͻ akyiri a wͻfrɛ no Milwaukee protocol no.[4]

Nsu a wͻde siw yare kwan[sesa]

Wͻde nsu a wͻde siw kraman yare kwan na esiw kraman yare .[5] Yɛwͻ eyinom ahorow wͻ hͻ a edi dwuma yiye. Wobetumi de asiw kraman yare kwan ansa na aboa no aka obi anaa wͻ ɛno akyi bere dodow bi. Bammͻ a obi nya wͻ yare yi ho no taa kyɛ bere a wͻde nsu no ama mpɛn abiɛsa no. Mpɛn pii no wͻtaa de nsu no wͻ obi paane wͻ ne honam mu. Wͻtaa de nsu a wͻde siw yare kwan no ne nnuru afoforo ka ho . Wͻhyɛ nyansa sɛ wͻn a wobetumi anya bi no begye paane yi bi ansa na wͻakͻ beae hͻ. Nsu a wͻde siw yare kwan no yɛ adwuma yiye wͻ nipa ne mmoa afoforo mu. Nkraman a wͻbɛwͻ wͻn paane boa ma asiw yare yi a wͻde ma nipa kwan.[5]

Ahobammͻ[sesa]

Nipa ͻpepem pii na wͻawͻ wͻn paane yi, na wͻka sɛ eyi asiw yare yi kwan wͻ nipa bɛboro mpem ahanu aduonum afe biara mu.[5] Wobetumi de adi dwuma wͻ nipa a ɛsono wͻn mfe a wͻadi. Wͻn a wͻwͻ wͻn paane no bɛyɛ ͻha mu nkyekyem aduasa anum kosi aduanan anum taa nya yaw kakra wͻ beae a wͻwͻͻ wͻn paane no. Nipa bɛyɛ ͻha mu nkyekyem anum kosi dunum betumi anya ahoͻhyew ,atipae , anaa te a obi te nka sɛ ͻbɛfe . Biribiara nsiw obi kwan sɛ wͻbɛma no eyi bere a wanya yare no. Nsu a wͻde siw yare no kwan no pii nni thimerosal . Aman binom de nsu a wͻde siw yare kwan a wonya fi nipaduam ntini mu di dwuma, titiriw wͻ Asia ne Latin Amɛrika, nanso ɛnyɛ adwuma yiye na asiane kakra wom. Eyi nti Wiase Akwanhosan Ahyehyɛde nhyɛ ho nkuran.[5]

Ayaresa yi bo yɛ US Dͻla aduanan anan kosi aduosͻn awotwe wͻ afe 2014 mu.[6] Wͻ United States no, nsu a wͻde siw kraman yare ano no bo boro Dͻla ahansͻn aduonum.[7]

Yare Anosiw ho Adesua[sesa]

Kraman yare kunkum nipa bɛyɛ mpem aduonu asia kosi mpem aduonum anum afe biara wͻ wiase nyinaa.[1][8] Owu yi ͻha mu nkyekyem bɛboro aduokrͻn anum si wͻ Asia ne Afrika .[1] Kraman yare wͻ aman bɛboro ͻha aduonum wͻ amantam nyinaa gye Antarctica nkutoo.[1] Nipa bɛboro ͻpepepem abiɛsa na wͻtete mmeae a kraman yare wͻ wͻ wiase nyinaa.[1] Wͻ Europa ne Australia mu no, mpan nkutoo mu na yare yi wͻ.[9] Aman nketewa a nsu atwa wͻn ho ahyia pii wͻ hͻ a kraman yare yi bi nni hͻ.[10]

Nsɛm afoforo[sesa]

  1. 1.00 1.01 1.02 1.03 1.04 1.05 1.06 1.07 1.08 1.09 1.10 1.11 1.12 1.13 1.14 1.15 1.16 1.17 "Rabies Fact Sheet N°99". World Health Organization. July 2013. Retrieved 28 February 2014.
  2. Cotran RS; Kumar V; Fausto N (2005). Robbins and Cotran Pathologic Basis of Disease (7th ed.). Elsevier/Saunders. p. 1375. ISBN 0-7216-0187-1.
  3. 3.0 3.1 3.2 Tintinalli, Judith E. (2010). Emergency Medicine: A Comprehensive Study Guide (Emergency Medicine (Tintinalli)). McGraw-Hill. pp. Chapter 152. ISBN 0-07-148480-9.
  4. Hemachudha T, Ugolini G, Wacharapluesadee S, Sungkarat W, Shuangshoti S, Laothamatas J (May 2013). "Human rabies: neuropathogenesis, diagnosis, and management". Lancet neurology. 12 (5): 498–513. doi:10.1016/s1474-4422(13)70038-3. PMID 23602163.{{cite journal}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  5. 5.0 5.1 5.2 5.3 "Rabies vaccines: WHO position paper" (PDF). Weekly epidemiological record. 32 (85): 309–320. Aug 6, 2010.
  6. "Vaccine, Rabies". International Drug Price Indicator Guide. Retrieved 6 December 2015.
  7. Shlim, David (June 30, 2015). "Perspectives: Intradermal Rabies Preexposure Immunization". Retrieved 6 December 2015.
  8. Lozano R, Naghavi M, Foreman K, Lim S, Shibuya K, Aboyans V, Abraham J, Adair T, Aggarwal R; et al. (Dec 15, 2012). "Global and regional mortality from 235 causes of death for 20 age groups in 1990 and 2010: a systematic analysis for the Global Burden of Disease Study 2010". Lancet. 380 (9859): 2095–128. doi:10.1016/S0140-6736(12)61728-0. PMID 23245604.{{cite journal}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  9. "Presence / absence of rabies in 2007". World Health Organization. 2007. Archived from the original on 31 October 2014. Retrieved 1 March 2014. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  10. "Rabies-Free Countries and Political Units". CDC. Retrieved 1 March 2014.

Nkyekyem:Gao lazamankwala