Komfo Anokye

Ɛfi Wikipedia

Nhwɛsoɔ:Merge Okomfo Anokye' (c.1655-c.1717?/c.1719) yɛ Asanteman ɔkɔmfoɔ a ɔdi kan, na yɛnim no nso sɛ obi a ɔboaɛ wɔ Asante mantam

Ne Ho Asɛm[sesa]

Deɛ ɔfiri ne ne mɔfraase[sesa]

Ɔwoo Ɔkɔmfo Anokye wɔ Ghana afe 1655 wɔ Akuapeman mu. N'awofoɔ de Ano ne Yaa Anobea a wɔfiri Awukugua a ɛbɔ Okereman nifa. Deɛ edidi soɔ yi kyerɛ deɛ ɛsiiɛ ma ɔnyaa ne din no:

Wɔkyerɛ sɛ, ɔrɛwɔ no Awukugua no na ɔkuta akyɛdeɛ firi nananom hɔ; ɔkuta  abaduaba wɔ ne nsa baako mu na baako no nso kuta podua tiatia fufuo bi. Na wamua ne nsamu no dendene paa a obiara ntumi mbue.

Akyire no, Otumfoɔ Osei Tutu II bɛdii saa asɛm yi ho adanseɛ berɛ a ɔkɔsraa Awukugua wɔ afe 2014 mu.

Asanteman Ahyɛase[sesa]

Okomfo Anokye afena no sibea, a ɛyɛ beaɛ a wɔhyɛɛ Asanteman ase wɔ Kumase afe 1701, sɛdeɛ nananom kyerɛ no.

Berɛ a Osei Tutu I dii Kumaseman adeɛ c.1695 berɛmu (yennim berɛ ankasa a ɔde no sii so deɛ, nanso 1695 deɛ na osi so) no na ɔdi Akanman nketewa a ɛhyehyɛ kwaeɛ a atwa Kumasi ho ahyia no anim. Ɛsane sɛ na wɔwɔ ɔkoboa apam bi awɔahyehyɛ no dada. Anokye na ɔbɛyɛɛ Nana fotufoɔ ne ne kɔmfopanin. Tutu ne Anokye nkabɔmu no ma ɔman ntrɛmu a na ahenfo a adi kan de asi wɔn ani so no kɔɔ so. Wɔ ne atanfoɔ ahoɔdenfoɔ te sɛ Akan Dɔmaa wɔ atifi ne Denkyira wɔ anaafo de bɔɔ so dii nkonim.

Asantefoɔ abakɔsɛmu nimdefoɔ taa ka sɛ Asantefoɔ yɛ kane tete Gana man a na wɔdi ntɔkwatumi no asefoɔ. Ɛdin no na Kwame Nkrumah de too nnɛ Ghana no. Asantefoɔ tumi dii Ghana fa kɛse so berɛ a wotumi tuu wɔn asaasewura ahoɔdenfoɔ Denkyira guuɛ no. Ɔkɔmfo Anokye yɛ ɔkɔmfoɔ mapa a wɔboaa ne yɔnko yi ma ne botaɛ sɛ ɔbɛka ne nnipa abɔmu no baa mu. Yɛse Anokye de afena wɔɔ fɔm wɔ Asante mfinimfini hɔ a abrɔfo yɛɛ ho biara de mfidie nyinaa kaa ho, nanso wɔantumi antu mfeɛ 500 ni. [ɛho adanseɛ hia] Asante ka mmeaɛ kakraa bi wɔ Afrika atɔɛ a wɔtumi dii Englesi abrɔfo so nkonim pɛn wɔ ntɔkwa mu.

Asantefoɔ Nkabɔmu[sesa]

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Denkyira nhyɛsoɔ ano bɛbrɛ ase no ehiaa sɛ Asante bɛnya ahohyɛsoɔ apɛ nkabomu de agyae mɛdimehoso wɔ n'aman nketewaa mu no. Anokye de obuo a wɔde ma no no kaa kkkk Asante bɔɔmu yɛɛ nkabomman 1695 mu.

Anokye ne Tutu hyehyɛɛ amamerɛ ne amaneɛ de brɛɛ amanketewaa no deɛ ase. Wɔde Kumase yɛɛ Asanteman abankuro. Afei wɔde ahenfo a wɔda amanketewa a wɔde wɔn ho no yɛɛ nkabomman no agyinatukuo na wɔboa kaa saa aman yi atanfo hyɛɛeɛ. Na afei wɔhyehyɛɛ Asanteman no asafo foforɔ.

Ɔne Denkyira Ntɔkwa[sesa]

Ɔne Denkyira ntɔkwa no (1699-1701) ankɔ yie mfitiaseɛ no, nanso berɛ a Denkyirɛ asraafoɔ duruu Kumase aboboano no Anokye nyankomade ma wɔn asafohenenom bi dwaneeɛ. Asantefoɔ tumi kaa Denkyira tumidie no guuɛ na ɔgyee tumikrataa a wɔdegye dantoɔ ma Dutchfoɔ Elmina abankɛseɛ no. Yei ma Asanteman kwan kodii Afrika mpoano dwa no bi, na ɔsan ano wɔ ntotoɛ a ɛwɔ mpoano hɔ amanyɔ ne nkoatɔ mu.

Owuo[sesa]

Osei Tutu wuo akyi wɔ 1717 mu no, wɔkyerɛ sɛ Anokye san kɔɔ ne nkyi Akuapem [mfoasoɔ hia] na owuuɛ 1717 ne 1719 ntɛm (a na wadi mfeɛ bɛyɛ 62-64). Deɛ ɛkuu no ankasa yɛnnim, na mom wɔka no sɛ ɔse ɔrekɔgye owuo safoa Abe enti obiara nsu; na sɛ obi su a ɔremma bio. Nna kakra akyi a na ɔmma no mmaa firii aseɛ suuɛ, na wɔkyerɛ sɛ wansan amma.

External links[sesa]