Kojo Asemanyi

Ɛfi Wikipedia

Kojo Asemanyi yɛ Ghana amammuifoɔ ne Mmarahyɛ Bagua a ɛtɔ so nson a ɛwɔ Ghana Aman a ɛtɔ so nnan no muni a ɔgyina Gomoa Apueeɛ Mansin ananmu wɔ Central Region wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[1][2]Ɔyɛ Pentekoste Asɔre no mu Panyin na ɔyɛ Kristoni, ɔyɛ agya. Mprempren ɔyɛ Cape Coast Mayor.[3]

Abrabɔ Ashasiɛ ni Adesua[sesa]

Wɔwoo Asemanyi wɔ 10 September 1979 na ɔfiri Gomoa Buduatta wɔ Central Region wɔ Ghana. Ná ɔwɔ ne Ɔman Abodin krataa a Ɛkorɔn wɔ Cape Coast Polytechnic. Ɔnyaa ne bachelor’s degree wɔ Management Studies mu wɔ University of Cape Coast wɔ afe 2011. Ɔsan nyaa ne master’s degree wɔ Public Administration mu wɔ University of Phoenix wɔ Arizona wɔ USA..[1][4]

Adwuma[sesa]

Asemanyi yɛɛ adwuma wɔ US Postal Service sɛ Rural Carrier Associate wɔ Delaware wɔ USA firi afe 2013 kɔsi afe 2016.[1]Ɔsan nso yɛ Program Officer wɔ World Vision Ghana firi afe 2005 kɔsi afe 2008. Ɔsan nso yɛ Sales supervisor ma Tigo firi afe 2008 kɔsi afe 2012. Ɔsan nso yɛ Production Associate ma Nixon Uniforms firi afe 2012 kɔsi afe 2013..[4]

Amanyɔsɛm[sesa]

Asemanyi ɛka NPP kuo ni hwo. [5]Ogyina wɔ NPP abatoɔ akansie mu di nkunim tia Dr Marqus Yaw Danso.[6] Na ɔyɛ Mmrahyɛbadwani ma Gomoa East Constituency wɔ Central Region.[3][7]

2016 abatoɔ

Ɔdii Desmond De-Graft Paitoo so nkonim wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ mu de dii nkonim wɔ Gomoa East Constituency mmarahyɛ bagua no mu. Ɔdii nkonim wɔ abatoɔ 17,654 a ɔyɛɛ 50.0% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu berɛ a Desmond nyaa abatoɔ 15,010 a ɛyɛɛ 42.5% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu, Independent candidate Marcus Yaw Danso a ɔnyaa abatoɔ 1,604 yɛɛ 4.5% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu, Eunice Assuman a ɔfiri PPP a ɔno nso nyaa abatoɔ 920 a ɛyɛɛ 2.6% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu na Godfred Kumedzro Cudjo a ɔfiri CPP nyaa abatoɔ 105 a ɛyɛɛ 0.3% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu.

Boayikuw no

Na Asemanyi yɛ Mmarahyɛ Bagua no Boayikuw a Wɔapaw a Ɛhwɛ Agumadi So no Titenani Abadiakyiri.[8]

2020 abatoɔ

Asemanyi hweree Gomoa East Constituency mmarahyɛ bagua atenaeɛ wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ no mu maa NDC mmarahyɛ bagua kandifoɔ Desmond De-Graft Paitoo.[9][10]Ɔdii nkogu wɔ abatoɔ 35,873 a ɔyɛɛ 48.4% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu berɛ a Desmond nyaa abatoɔ 36,637 a ɛyɛɛ 49.5% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu, Samuel Kofi Essel a ɔfiri GUM a ɔnyaa abatoɔ 1,397 a ɔyɛɛ 1.89% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu ne Emmanuel Otchere a ɔfiri UPP a nso nyaa abatoɔ 173 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 0.23%.[11]

Ankorankora asetena[sesa]

Asemanyi ɛyɛ Kristo ni.[1]

Adɔyɛ[sesa]

Wɔ June 2017 mu no, ɔde ayaresabea mpa bɛyɛ 15 maa Gomoa Nyanyano Akwahosan Asoɛe, Buduatta Akwahosan Asoɛe ne Ojobi Akwahosan Asoɛe a ɛwɔ Mfinimfini Mantam mu.[12]

Wɔ June 2019 mu no, Asemanyi de premix fuel bɛyɛ lita 35,000 maa apofofoɔ bɛyɛ 2,300 a wɔwɔ Central Region of Ghana.[13]

Wɔ December 2019 mu wɔ Okuafoɔ ne Apofoɔ Da Afahyɛ wɔ Gomoa Apueeɛ mu no, ɔde sakre mmiɛnsa maa okuafoɔ a ɔyɛ papa.[14]

Bia ɛmmoa efiri[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 "Kojo Asemanyi", Wikipedia (in English), 2023-07-19, retrieved 2023-10-03
  2. "Kojo Asemanyi", Wikipedia (in English), 2023-07-19, retrieved 2023-10-03
  3. 3.0 3.1 "Kojo Asemanyi", Wikipedia (in English), 2023-07-19, retrieved 2023-10-03
  4. 4.0 4.1 "Kojo Asemanyi", Wikipedia (in English), 2023-07-19, retrieved 2023-10-03
  5. "Kojo Asemanyi", Wikipedia (in English), 2023-07-19, retrieved 2023-10-03
  6. "Kojo Asemanyi", Wikipedia (in English), 2023-07-19, retrieved 2023-10-03
  7. "Kojo Asemanyi", Wikipedia (in English), 2023-07-19, retrieved 2023-10-03
  8. "Kojo Asemanyi", Wikipedia (in English), 2023-07-19, retrieved 2023-10-03
  9. "Kojo Asemanyi", Wikipedia (in English), 2023-07-19, retrieved 2023-10-03
  10. "Kojo Asemanyi", Wikipedia (in English), 2023-07-19, retrieved 2023-10-03
  11. "Kojo Asemanyi", Wikipedia (in English), 2023-07-19, retrieved 2023-10-03
  12. "Kojo Asemanyi", Wikipedia (in English), 2023-07-19, retrieved 2023-10-03
  13. "Kojo Asemanyi", Wikipedia (in English), 2023-07-19, retrieved 2023-10-03
  14. "Kojo Asemanyi", Wikipedia (in English), 2023-07-19, retrieved 2023-10-03