Kofi Badu

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Kofi Badu yɛ kane Ghanani amanyɔni ne nsɛmkyerɛfo. ɔsoom sɛ mmarahyɛ baguani wɔ adehyeman a edikan no mu ne Soafo wɔ  Supreme Military Council (SMC) aban mu , afei wɔ  Armed Forces Revolutionary Council (AFRC) mu. Sɛ nsɛmkyerɛwni no ɔyɛɛ adwuma sɛ kowaa nkrataa mu saamufo wɔ kowaa nkrataa ahodoɔ pii.

Na Budu yɛ adwuma sɛ kowaa nkrataa mu saamufo maa kowaa nkrataa ahodoɔ pii awon mu bi ne Cape Coast Daily Mail ne Daily Gazette. ɔboaa T.D Baffoe sɛ otintimfo maa adwumakuo ɛne Trade UNION Congress na akyire, ɔbɛyɛɛ kowaa krataa mu saamufo Ghanaian Times, bre a na T.D Baffoe yɛ kowaa krataa mu saamufo panyin. Wɔ June afe 1965 mu no, ɔbɛyɛɛ mmarahyɛ baguni a ogyina ho ma Manso abatoɔ mpesoa so wɔ amanyɔkuo Conventions people’s Party din mu.  Ɔkɔɔ so yɛ adwuma wo mmarahyɛ bagua mu kosii afe 1966 bre wotuu Nkrumah aban gui. Bre a wotuu Nkrumah aban no gui akyi no, obɛyɛɛ kowaa krataa mu saamufo maa adwumakuo a ɛde Evening Standard a ne wura ne Komla Agbeli Gbedemah

Wɔ afe 1966 abatoɔ a ɛkɔɔ so no mu no, ogyinaa wɔ ne mpesoa so wɔ amanyokuo National Alliance Liberals nanso, Stephen Nuamah a na ogyina wɔ amanyɔkuo Progress Party no dii nkunim wɔ ne so, ɔde mma no mu 7,812  na edii nkunim bre ɔno nyaa mma no mu 2,292. Wɔ adehyeman a ɛtɔ so mienu no mu no, ɔyɛɛ adwuma sɛ kowaa krataa mu saamufo wɔ ɔno ankasaa adwumakuo a ɛne Spokesman.

Wotuu Busia aban no akyi no, wɔpaw no sɛ ɔkasamafo ma kuo a ɛne National Redemption Counil (NRC). Wɔ afe 1978 mfiase no,aban a na edi adeɛ , Supreme Military Council  (a akane ɛde NRC from 1972 until 1975 ) paw no sɛ ɔkandifo a ɔhwɛ asoe a ɛne ‘’Consumer Affairs‘’ . Wɔ afe 1979 mu no, ɔbɛyɛɛ soafo a ɔhwɛ Agodie ne nkurase amambuo so. Okuraa saa dibea no kosii afe 1979 bre a wotuu SMC no gui.

Wɔ Armed Forces Revolutionary Council (AFRC) aban ase no, woyii no kɔɔ asoe a ɛhwɛ nnuane ho nsɛm wɔ june afe 1979 mu. Ɔsoom wɔ saa dibea yi mu kosii Sepetember 1979 bre asraafo aban dane maa aban a enhye asraafo ase. Budu bɛyɛɛ titenani maa nsɛmkyerɛwkuo.

Nkekaho[sesa]