Kofi Asare

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Na Kofi Asare yɛ Ghana aduruyɛ ho oduruyɛfo ne ɔmanyɔni. Na ɔyɛ Ghana Akwahosan Dwumadibea a ɛwɔ Central Region, Cape Coast . Ɔsan nso yɛɛ mmrahyɛbagua no muni maa Akwatia mantam a ɛwɔ Apuei Fam Mantam no mu .

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Asare wɔ December 12, 1954, wɔ Akyem-Wenchi wɔ Apuei Fam Mantam mu . Ɔnyaa Master of Science abodin krataa wɔ Ɔmanfoɔ Akwahosan mu wɔ London Suapɔn mu wɔ afe 1993.

Amanyɔsɛm[sesa]

Asare yɛ Fourth Republic of Ghana mmrahyɛbagua a Ɛto so Anum no muni . Ɔde New Patriotic Party (NPP) tekiti tuu mmirika wɔ afe 2008 amansan abatoɔ no mu no, Asare dii Ahmed Mohammed Baba-Jamal a ɔfiri National Democratic Congress ne afoforo mmiɛnsa so nkonim ma ɔdii nkonim wɔ Akwatia mmrahyɛbagua no mu. mmrahyɛbaguani a ɔdii dwuma afe baako no nyaa abatoɔ 17,900 de dii Owura Baba-Jamal a ɔnyaa abatoɔ 15,860 wɔ abatoɔ no mu no so nkonim. Asare hweree atenaeɛ no mfeɛ nnan akyi wɔ afe 2012 Ghana Amansan abatoɔ no mu wɔ Owura Baba Jamal anim wɔ berɛ a Madam Mercy Adu-Gyamfi dii no nkoguo wɔ NPP primaries mu.

Ankorankoro asetra[sesa]

Na Asare yɛ Presbyteriani, na na waware na ɔwɔ mma baanan.

Owuo[sesa]

Ɔwui wɔ kar akwanhyia mu wɔ Nkawkaw - Accra kwan kɛseɛ so wɔ 21 Ɔpɛpɔn 2017 a na wadi mfeɛ 62.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]