Kofi Asante Ofori-Atta

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Aaron Eugene Kofi Asante Ofori-Atta (Wɔ woo no December da a ɛtɔ so 12, afe 1912 – July 1978) na ɔyɛ amnyoni ne Ghana mmarahyɛ bagua mu titenani.

Ne mmɔfrase ne Nhomasua[sesa]

Wɔ woo no December da a ɛtɔ so 12 afe 1912 wɔ Kyebi, Akyem Abuakwa nan a ɔyɛ Ofori attah dehyeɛ abusuakuo no mu. Owie mfitiase sukuu no, ɔkɔɔ Mfatsipim School wɔ 1925 na ofiriii ho kɔɔ Achimota school wo afe 1928, beae a owiee ntoaso sukuu wɔ afe 1933. Onya dibea ahorow wo Abuakwa State College na wo yɛɛ no se otitenani abediakyire na wɔ afe mfie 1944 kosi 1947 mu no, wopaw no sɛ otitenani. Mmere bi akyi wo afe 1947 mu no, otuu kwan kɔɔ Ireland, na ɔde ne ho hyɛɛ Suapɔn a ɛne Trinity College Dublin ma no nya abodin wo mmaranim ne amansan nkitahodie mu.

Nnwuma[sesa]

Wɔ paw Ofori-Atta se mmarahyɛ badwani a ogyina hɔ ma Abuakwa Central ne Begoro mpɛsoa so. ɔkɔɔ mmarahyɛ badwa mu nea edi kan wɔ afe 1954 na wɔpaw no soafo a ɔhwɛ nkatihodie so firi afe 1954 kosi 1956. Odii nkunim wɔ n’abusua ne J.B Dankwa a ɔyɛ amanyɔkuo Ghana Congress Party ne United Gold Convention no hyehyɛfo no de gye abuakwa Central Agua no. osoom sɛ soafo a ohwɛ amansin ammmuo so wɔ Conventions Peoples Party (CPP) aban a na Kwame Nkrumah a ɔyɛ Ghana manpanyin no da ano.

Akyiri, wɔpaw no sɛ mmarahye badwa no titenani wɔ June da a ɛtɔ so 10, afe 1965 mu wɔ Ghana adeyeman a edikan no mu. Odii saa dibea no kosii se mmarahyɛ bedwa no baa n’awieɛ bre a kuo a ɛne National Liberation Council tuu aban a na ete so no gui.  Owuu wo ayaresabea a ene Accra Military Hospital wo afe 1978. Ofori-Atta yɛ Ghana manpanyin Nana –Addo wofa.Nhwɛsoɔ:S-start Nhwɛsoɔ:S-off Nhwɛsoɔ:S-bef Nhwɛsoɔ:S-ttl Nhwɛsoɔ:S-aft Nhwɛsoɔ:S-bef Nhwɛsoɔ:S-ttl Nhwɛsoɔ:S-aft Nhwɛsoɔ:S-bef Nhwɛsoɔ:S-ttl Nhwɛsoɔ:S-aft Nhwɛsoɔ:S-end

nkekaho[sesa]