Kinston Akomeng Kissi

Ɛfi Wikipedia
Kiston Akomea Kissi
MP for Akwatia
Bere
7 January 2001 – 6 January 2009
ƆmanpanyinJohn Agyekum Kufour
Ne ho asɛm
Awo bere4 July 1957 (1957-07-04) (age 66)
Akwatia, Eastern Region
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaPolitician
N'adwumaFarmer

Kinston Akomeng Kissi yɛ Ghanani a wɔwoo no Kitawonsa da a ɛtɔ so nan, afe apem, ahankron ne aduonun nson. Ɔyɛ Ghanani amanyɔni a na ɔka mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Ghana Repɔblik a ɛtɔ so nan no ho a na ɔgyina hɔ sɛ mmarahyɛbadwani ma Akwatia abatoɔ mapsua a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ mantam mu no.[1]

Ne mfiaseɛ abrabɔ ne ne sukuukorɔ[sesa]

Wɔwoo Kissi Kitawonsa da a ɛtɔ so nan, afe apem, ahankron ne aduonun nson wɔ Akwatia a ɛwɔ Ghana mu.[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔtoo aba maa Kissi sɛ mmarahyɛbadwani wɔ New Patriotic Party, Ɔsono Amanyɔkuo no din mu wɔ mfeɛ mpenu Ghanaman abatoɔ no mu.[2] Ɔne amanyɔfoɔ binom na wɔperee adwa no nanso ɔno na ɔmanfoɔ yii no sɛ wɔn mmarahyɛbadwani. Baba Jamal Mohammed Ahmed a na ɔgyina National Democratic Congress amanyɔkuo no anan mu no nyaa mma a wɔtoeɛ no mu mpem dumienu, ne aduosia-nkron a na ɛyɛ ɔha mu nkyɛmu aduanan-mmienu akyiri pɔ aduowɔtwe. Mary Adwoa Buabeng a ɔno nso gyinaa sɛ kɔntenkorɔ no na ɔtoo so mmiɛnsa a ɔnyaa mma no mu apem, ahanun ne aduonu-nan a na ɛyɛ ɔha mu nkyɛmu num akyiri pɔ aduanan. Christian Addo a na ɔgyina National Reform Party anan mu no nyaa mma no mu ahasa aduokron-nson. Samuel Adjei a na ɔno nso gyina Convention People's Party anan mu no nyaa mma ahanu ne aduoson-mmienu a na ɛyɛ ɔha mu nkyɛmu baako. Kwame Kwarkoh Dickson a na ɔgyina People's National Convention amanyɔkuo no anan mu no nso nyaa mma ɔha aduosia-mmienu a ɛyɛ ɔha mu nkyɛmu hwee akyiri pɔ aduosia.[3] Kissi mma mpem aduonu-nwɔtwe, ahanu ne aduonu-mmienu a wɔtoeɛ no mu mpem dumiɛnsa, ahanwɔtwe ne num a ɛyɛ ɔha mu nkyɛmu aduanan-nwɔtwe akyiri pɔ aduokron.[4] Mfeɛ mpenu ne nan abatoɔ no mu no, ɔnyaa mma mpem aduasa -nson, ɔha aduasa-num a wɔtoeɛ no mu mpem dunkron, ahasa aduowɔtwe-nsia a ɛyɛ ɔha mu nkyɛmu aduonun-mmienu akyiri pɔ aduonu.[5]

N'adwumasɛm[sesa]

Kissi yɛ okuani ɛnna ɔsan yɛ mmarahyɛbadwani dada ma Akwatia abatoɔ mapsua a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ mantam mu no.[1] Ɔsane nso yɛ odwadini. Afei nso, na ɔyɛ daanodini ma adwumakuo bi a wɔfrɛ no Precious Minerals Marketing Company (PMMC) wɔ Ghana.[6]

N'abrabɔ[sesa]

Kissi yɛ Kristoni.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 "PARLIAMENT IN REPUBLICAN GHANA", Parliamentary Affairs, 1963-05, doi:10.1093/oxfordjournals.pa.a054022, ISSN 1460-2482, retrieved 2022-09-03 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  2. Baba Jamal Storms NPP Primary (in English), retrieved 2022-09-03
  3. Peace FM, Parliament - Eastern Region Election 2000 Results, retrieved 2022-09-03
  4. Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Akwatia Constituency, retrieved 2022-09-03
  5. Peace FM, Ghana Election 2004 Results - Akwatia Constituency, retrieved 2022-09-03
  6. PMMC Board Chair refutes allegations of corruption, salary increase (in English), 2018-10-05, retrieved 2022-09-03