Kingsley Aboagye-Gyedu

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Kingsley Aboagye Gyedu
MP
Minister Western North Region
Mprenpren
Bere
March 2017
ƆmanpanyinNana Akuffo-Addo
Ne ho asɛm
Awo bereGhana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party

Kingsley Aboagye Gyedu (wɔwoo no Ɔpɛpɔn 29, 1969) yɛ Ghana amannyɔni na ɔyɛ Ghana Mmarahyɛ Badwa no mu ni. Ɔyɛ New Patriotic Party no mu ni, na ɔyɛ ɔman soafoɔ abadiakyiri a ɔhwɛ akwahosan so ne kan ɔmantam soafoɔ a ɔhwɛ Ghana Atɔeɛ Atifi Mantam so.[1][2][3][4]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Gyedu wɔ Ɔpɛpɔn bosome no da a ɛtɔ so aduonu nkron, wɔ afe apem ahankron aduosia nsia (29, 1969. Ɔfiri Sefwi Anhiawuso kuro a ɛwɔ Ghana atɔeɛ mantam mu.[6] Ɔwɔ MBA wɔ sikasɛm mu wɔ Leister Suapɔn a ɛwɔ UK, na ɔnyaa ne CA wɔ Ghana ne ne BA wɔ sikasɛm mu wɔ Ghana Suapɔn, Legon.[5]

Adwuma[sesa]

Gyedu yɛ sikasɛm mu nhwehwɛmufoɔ wɔ USAID wɔ afe 2005 mu, na ɔyɛ Sikasɛm sohwɛfoɔ wɔ Bat West Africa Area firi afe 2005 kɔsi afe 2007 ne ɔkwankyerɛfoɔ panin wɔ Kingsag Associates Limited firi afe 2007 kɔsi afe 2012.[6]

Ankorankoro asetena[sesa]

Gyedu da ne ho adi sɛ ɔyɛ Kristoni ne Methodistni. Ɔwaree na ɔwɔ mma nan.[5]

Amanyɔsɛm[sesa]

Gyedu nyaa abatoɔ 33,145 a ɛyɛ abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu 51.80%, na ɔnam saa kwan yi so dii nkonim wɔ Bibiani-Anwiaso-Bekwai mansini a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ Mantam mu no atenaeɛ.[6] Wɔpaw no sɛ ɔmmɛka asase ne kwaeɛ ho badwakuo ne ɔmanfoɔ akontaabu badwakuo no ho.[7]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Deputy Ministers - Government of Ghana, 2019-09-24, archived from the original on 2019-09-24, retrieved 2023-10-01
  2. Samuel Obour (2017-03-15), Here are all the 50 deputy ministers that Akufo-Addo has just appointed (in English), retrieved 2023-10-01
  3. Kojo Akoto Boateng (2017-03-15), Akufo-Addo names 50 deputies, 4 ministers of state (in American English), retrieved 2023-10-01
  4. Akufo-Addo picks deputy ministers (in English), 2017-02-20, retrieved 2023-10-01
  5. 5.0 5.1 MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  6. Kingsley Aboagye Gyedu, Biography, retrieved 2023-10-01
  7. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-01