Kevin Okyere

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kevin Okyere yɛ Ghanani a ɔno ankasa wɔ n'adwuma wɔ fangoo adwuma mu wɔ Ghana. Ɔno na wabue adwuma a wɔfrɛ no Springfield Energy- adwuma a ne boɔ som ɔpepepem. Wo firii adwuma no ase wɔ 2008.

MMƆfrase ne Sukuu[sesa]

Wɔwoo no 1980, wɔ akukudam abusua mu wɔ Asante. ɛwɔm sɛ adefoɔ abusua mu deɛ nanso na ɔtɔ nsuo a yɛakyekyere ma bɛhwɛadefoɔ wɔ Kumase Agoprama so.

Ɔkɔɔ sukuu wɔ Opoku Ware Senior High School, ɔwieeɛ no ,wɔtuu kwan kɔɔ amanɔne kɔtoaa nadesua so wɔ George Mason University in Virginia.

Abasobɔdeɛ[sesa]

Berɛ a Kosmos gyae wɔn dwumadie no mu no Kevin adwumakuo Springfield nyaa kyɛfa wɔ West Cape Three Points ɛtɔ so mmienu a Ghana Aban na ɛde maa wɔn wɔ 2016 mu. Bio n'adwuma ne adwumakuo ɛdi kan a wɔde fangoo kɔ atwa ahyia te sɛ Mali ne Burkina Faso ne Nigeria. Wɔnyaa abasobɔdeɛ a ɛyɛ Emy Africa abosobɔdeɛ sɛ "ɔbarima ɔgyina brane wɔ afe no mu" wɔ fangoo dwumadie mu.