Kaole

Ɛfi Wikipedia
Kaole
town
countryTanzania Sesa
coordinate location6°27′48″S 38°56′48″E Sesa
Map
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Kaole yɛ ɔman abakɔsɛm beae a ɛwɔ Bagamoyo Mansin mu wɔ Pwani Mantam mu wɔ Tanzania. Beae no wɔ abakɔsɛm mu kurow Bagamoyo apuei fam akwansin abiɛsa wɔ India Po no mpoano. Swahilifo abo dedaw a wɔde akorade ayɛ a efi afeha a ɛto so 13 ne afeha a ɛto so 16 ntam no wɔ mpɔtam hɔ. Amamfõ no bi fi afeha a ɛto so 13 mu na ɛwɔ asɔredan abien ne adamoa 30.[1]

Wɔde akorade abo a wɔde abo adum a ɛhyɛ adamoa no bi agyirae na esii adamoa a ɛwɔ Kaole no. Sɛnea ɛhɔnom atetesɛm kyerɛ no, adamoa no bi yɛ mpɔtam hɔ sodifo a na wonim wɔn sɛ "diwanis" no adamoa. Wogye di sɛ "Diwanis" yɛ Sheikh Ali Muhamad al-Hatim al-Barawi asefo. Wɔasisi tete nneɛma akorae ketewaa bi, baabi a wɔda nneɛma bi a wohuu wɔ amamfõ no mu adi. Saa nneɛma yi bi yɛ Chinafo de ma enti ɛma wonya tete aguadi mu abusuabɔ ho adanse.[2][3][4]

Abakɔsɛm[sesa]

Mfiase no, wɔtraa Kaole wɔ afeha a ɛto so 8 mu sɛ aguadi kurow. Anka mangrove nnua, sandalwood, ebony ne asonse bɛyɛ nneɛma atitiriw a wɔde di gua. Ná wɔde nnua na esisi Kaolefo atrae dodow no ara, na ɛmaa ɛnyɛ den sɛ abo asɔredan ne adamoa no. Akyiri yi, Zaramofoɔ a wɔwɔ mpɔtam hɔ no frɛɛ beaeɛ no Kaole, a ɛkyerɛ "kɔ na hwɛ".[5] Nea odii kan suaa Kaole Amamfõ no ho ade ne Britania fam tutufo Neville Chittick, bɛyɛ afe 1958.[2]  

Hwɛ eyi nso[sesa]

Abakɔsɛm mu Swahilifo Atenae (Historic Swahili Settlements)

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. Pollard, Edward (2011). "Safeguarding Swahili trade in the fourteenth and fifteenth centuries: a unique navigational complex in south-east Tanzania". World Archaeology. 43 (3): 458–477. doi:10.1080/00438243.2011.608287. JSTOR 41308511. S2CID 161668324.
  2. 2.0 2.1 "Kaole ruins". PlanetWare. Archived from the original on 16 July 2010.
  3. Bwasiri, Emmanuel J. (1 December 2011). "The challenge of managing intangible heritage: Problems in Tanzanian legislation and administration". South African Archaeological Bulletin. 66 (194): 129–135. JSTOR 23631415.
  4. Masele, Frank (2012). "Private Business Investments in Heritage Sites in Tanzania: Recent Developments and Challenges for Heritage Management". The African Archaeological Review. 29 (1): 51–65. doi:10.1007/s10437-012-9105-0. JSTOR 41486788. S2CID 161108176.
  5. Another place, south of Dar es Salaam, has a name with a similar origin: Gezaulole, meaning "try and see".